< ज़बूर 124 >
1 अब इस्राईल यूँ कहे, अगर ख़ुदावन्द हमारी तरफ़ न होता,
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.
2 अगर ख़ुदावन्द उस वक़्त हमारी तरफ़ न होता, जब लोग हमारे ख़िलाफ़ उठे,
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,
3 तो जब उनका क़हर हम पर भड़का था, वह हम को ज़िन्दा ही निगल जाते।
ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann;
4 उस वक़्त पानी हम को डुबो देता, और सैलाब हमारी जान पर से गुज़र जाता।
anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,
5 उस वक़्त मौजज़न, पानी हमारी जान पर से गुज़र जाता।
anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ.
6 ख़ुदावन्द मुबारक हो, जिसने हमें उनके दाँतों का शिकार न होने दिया।
Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.
7 हमारी जान चिड़िया की तरह चिड़ीमारों के जाल से बच निकली, जाल तो टूट गया और हम बच निकले।
Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane.
8 हमारी मदद ख़ुदावन्द के नाम से है, जिसने आसमान और ज़मीन को बनाया।
Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.