< Sakaria 8 >

1 Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
I dođe mi riječ Jahvina:
2 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibereɛ so.”
“Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Ljubavlju ljubomornom za Sion izgaram i gnjevom velikim plamtim za nj! Vraćam se u Sion, prebivati hoću sred Jeruzalema.'
3 Deɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsane akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokorɛ Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔ no, wɔbɛfrɛ no Bepɔ Kronkron.”
Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Jeruzalem će se zvati Gradom vjernosti i Gorom Jahve nad Vojskama, Gorom svetosti.'
4 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkɔkoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔntene so bio a obiara kura poma, ɛsiane onyini enti.
Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Starci i starice opet će posjedati po trgovima jeruzalemskim, svatko sa štapom u ruci zbog starosti prevelike.
5 Na mmarimaa ne mmaayewa a wɔredi agorɔ bɛhyɛ kuropɔn no mmɔntene so ma.”
A gradski će se trgovi ispuniti dječacima i djevojčicama koji će se igrati na njegovim trgovima.'
6 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?”
Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Ako to bude čudo u očima Ostatka u dane one, zar će to biti čudo i u mojim očima' - riječ je Jahve nad Vojskama.
7 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri aman a ɛwɔ apueeɛ ne atɔeɛ no so.
Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Evo spasit ću svoj narod iz zemlje istočne i iz zemlje sunčanog zapada.
8 Mede wɔn bɛsane aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn wɔ nokorɛ ne tenenee mu.”
Ja ću ih dovesti da se nastane usred Jeruzalema. I bit će mi narod a ja ću im biti Bog u vjernosti i pravdi.'
9 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no; adiyifoɔ a na wɔwɔ hɔ ɛberɛ a wɔtoo Asafo Awurade fie fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no.
Ovako Govori Jahve nad Vojskama: 'Neka ojačaju ruke vama koji ovih dana slušate riječi ove iz usta proroka koji prorokuje od dana kada bjehu položeni temelji Domu Jahve nad Vojskama da bi se opet sagradilo Svetište.
10 Ɛberɛ no nnya nsoeɛ no, na wɔntua apaadie ho ka mma nnipa anaa mmoa. Atamfoɔ enti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu.
Jer, prije ovih dana ne bijaše nadnice za čovjeka niti nadnice za živinče; niti bijaše mira od neprijatelja onome koji je izlazio ni onome koji je dolazio; puštao sam ljude jedne protiv drugih.
11 Nanso, afei deɛ, merenyɛ nkaeɛfoɔ yi sɛdeɛ meyɛɛ kane no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Ali sada, neću biti prema Ostatku ovog naroda kao minulih dana - riječ je Jahve nad Vojskama -
12 “Aba no bɛnyini yie, bobe bɛso nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduane na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosuo. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkaeɛfoɔ yi sɛ wɔn agyapadeɛ.
nego ću posijati mir: loza će roditi grožđem, zemlja će davati usjeve, a nebo će davati rosu svoju. Sve ću to dati Ostatku ovoga naroda.
13 Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso mɛgye mo na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyɛ mo ho den.”
I kao što bijaste prokletstvo među narodima, dome Judin i dome Izraelov, tako ću vas spasiti da budete blagoslovom! Ne bojte se, nek' vam jake budu ruke!'
14 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔborɔ ɛberɛ a mo agyanom fuu me bo no,
Jer ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Kao što bijah namislio unesrećiti vas kada su me razgnjevili oci vaši - govori Jahve nad Vojskama - i nisam se pokajao,
15 saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ, mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yie. Monnsuro.
tako, promijenivši naum, u ove dane mislim usrećiti Jeruzalem i dom Judin. Ne bojte se!
16 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Monni mo ho mo ho nokorɛ. Mommu atɛntenenee wɔ mo asɛnniiɛ;
A ovo vam je činiti: Govorite istinu jedan drugom; sudite istinito i miroljubivo na vratima gradskim!
17 mommmɔ po bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mekyiri saa nneɛma yi nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Ne snujte jedan drugome zlo u srcu; ne ljubite lažnu kletvu. Jer sve to ja mrzim' - riječ je Jahvina!”
18 Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio.
Dođe mi riječ Jahve nad Vojskama:
19 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Abosome ɛnan, enum, nson ne edu mu mmuadadie no bɛyɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmerɛ, na ɛbɛyɛ anigyeɛ afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.”
“Ovako govori Jahve nad Vojskama: Post četvrtoga, post petoga, post sedmoga i post desetoga mjeseca postat će za Dom Jahvin radost, veselje i veseli blagdani. Ali ljubite istinu i mir!”
20 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara,
“Ovako govori Jahve nad Vojskama: Još će dolaziti narodi i stanovnici mnogih gradova.
21 na nnipa a wɔfiri kuropɔn baako so bɛkɔ foforɔ so akɔka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ seesei ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me deɛ, merekɔ.’
Stanovnici jednoga grada ići će u drugi govoreći: 'Hajde da idemo moliti lice Jahvino i tražiti Jahvu nad Vojskama!' Ići ću i ja!
22 Na nnipa bebree ne aman akɛseɛ bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakoto asrɛ no.”
I doći će mnogi puk i moćni će narodi tražiti Jahvu nad Vojskama u Jeruzalemu i moliti lice Jahvino.
23 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nna no mu, nnipa edu a wɔka kasa ahodoɔ na wɔfiri aman ahodoɔ so bɛba abɛsɔ Yudani atadeɛ mmuano mu na wɔbɛka sɛ, ‘Wo ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’”
Ovako govori Jahve nad Vojskama! U one će dane deset ljudi od naroda svih jezika hvatati jednog Židova za skut govoreći: 'Idemo s vama, jer čusmo da je s vama Bog.'”

< Sakaria 8 >