< Sakaria 5 >

1 Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu wɔ ewiem wɔ mʼanim!
Gözlerimi yine kaldırıp bakınca, uçan bir tomar gördüm.
2 Ɔbisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.”
Melek, “Ne görüyorsun?” diye sordu. “Uçan bir tomar görüyorum. Uzunluğu yirmi, genişliği on arşın” diye yanıtladım.
3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no.
Melek, “Bütün ülkeye yağacak lanettir bu” dedi, “Tomarın bir yanına yazılanlar uyarınca, hırsızlık eden herkes sökülüp atılacak; öbür yanına yazılanlar uyarınca da yalan yere ant içenler kovulacak.
4 Asafo Awurade pae mu ka sɛ, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie hɔ na asɛe ne nnua ne aboɔ.’”
Her Şeye Egemen RAB, ‘Lanet yağdıracağım’ diyor, ‘Hırsızın ve benim adımla yalan yere ant içenin evi üzerine lanet yağacak. Ve lanet o evin üzerinde kalacak; kerestesiyle, taşlarıyla birlikte evin tümünü yok edecek.’”
5 Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi.”
Sonra benimle konuşan melek yaklaşıp, “Gözlerini kaldır” dedi, “Ortaya çıkan şu nesnenin ne olduğuna bak.”
6 Mebisaa sɛ “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma.” Ɔtoaa so sɛ, “nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”
“Nedir?” diye sordum. “Bir ölçü kabı” dedi, sonra ekledi: “Bu, bütün ülke halkının suçudur.”
7 Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ!
Derken kurşun kapak kaldırıldı. Kabın içinde bir kadın oturuyordu.
8 Ɔkaa sɛ, “Yei yɛ atirimuɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so.
Melek, “İşte bu kötülüktür!” diyerek kadını gerisingeri ölçü kabına itip kurşun kapağı yerine koydu.
9 Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de danedane wɔn ho wɔ ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.
Gözlerimi kaldırıp bakınca, rüzgarda uçarak yaklaşan iki kadın gördüm. Leylek kanatlarına benzeyen kanatları vardı. Kabı yerle gök arasına kaldırdılar.
10 Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”
Benimle konuşan meleğe, “Kabı nereye götürüyorlar?” diye sordum.
11 Ɔbuaa sɛ, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na sɛ, wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa.”
“Kadın için bir ev yapmak üzere Şinar topraklarına” diye yanıtladı, “Ev hazır olunca kap oraya, yerine konulacak.”

< Sakaria 5 >