< Nnwom Mu Dwom 5 >

1 Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano. Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ; manom me bobesa ne me nufosuo. Nnamfonom: Ao, nnamfonom, monnidi na monnom; Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.
[HE] I have entered my garden, my sister, bride, I have plucked my myrrh, with my balsam, I have eaten the honey of my thicket, I have drunk my wine, with my milk: —Eat ye, O friends, Drink, yea drink abundantly, ye beloved!
2 Medaeɛ nanso mʼakoma anna. Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu; “Bue me, me nuabaa, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosuo afɔ me tirim, anadwo mu bosuo afɔ me nwi.”
[SHE] I, was sleeping, but, my heart, was awake, —The voice of my beloved—knocking! Open to me, my sister, my fair one, my dove, my perfect one, for, my head, is filled with dew, my locks, with the moisture of the night.
3 Maworɔ mʼatadeɛ, mensane mfa nhyɛ anaa? Mahohoro me nan ase, memma ho nyɛ fi bio anaa?
I have put off my tunic, oh how shall I put it on? I have bathed my feet, oh how shall I soil them?
4 Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.
My beloved, thrust in his hand, at the window, and, my feelings, were deeply moved for him:
5 Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, na me nsa ho kurobo ne me nsateaa ho aduhwam, yɛɛ apratwom no ho.
I myself, arose, to open to my beloved, —and, my hands, dripped with myrrh, and, my fingers, with myrrh distilling, upon the handles of the bolt.
6 Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
I myself, opened to my beloved, but, my beloved, had turned away, had passed on, —My soul, had gone out when he spake, I sought him, but found him not, I called him, but he answered not.
7 Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!
The watchmen who were going round in the city, found me, they smote me, wounded me, —The watchmen of the walls, took away my cloak from off me.
8 Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.
I adjure you, ye daughters of Jerusalem, —If ye find my beloved, what will ye tell him? That, sick with love, I am.
9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei?
[DAUGHTERS OF JERUSALEM] What is thy beloved more than any other beloved, thou most beautiful among women? What is thy beloved more than any other beloved, that, thus, thou hast adjured us?
10 Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.
[SHE.] My beloved, is white and ruddy, conspicuous beyond ten thousand:
11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
His head, is pure gold, —his locks, are bushy, black as a raven;
12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ɔgyina asuwa bi ho; ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.
His eyes, like doves, by the channels of water, —bathing in milk, set as gems in a ring:
13 Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ. Ɛho hwa te sɛ aduhwam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobo.
His cheeks, like a raised bed of balsam, growing plants of perfume, —His lips, lilies, dripping with myrrh distilling:
14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu. Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.
His hands, cylinders of gold, set with topaz, —His body, wrought work of ivory, covered with sapphires:
15 Ne nan te sɛ abohemaa afadum a ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so. Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.
His legs, pillars of white marble, founded on sockets of gold, —His form, like Lebanon, choice as cedars:
16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, Ao, Yerusalem mmammaa.
His mouth, most sweet, yea, altogether, he is delightful, —This, is my beloved, yea, this, is my dear one, ye daughters of Jerusalem.

< Nnwom Mu Dwom 5 >