< Romafoɔ 1 >
1 Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.
耶稣基督的仆人保罗,奉召为使徒,特派传 神的福音。
2 Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu.
这福音是 神从前借众先知在圣经上所应许的,
3 Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
论到他儿子—我主耶稣基督。按肉体说,是从大卫后裔生的;
4 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu.
按圣善的灵说,因从死里复活,以大能显明是 神的儿子。
5 Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn.
我们从他受了恩惠并使徒的职分,在万国之中叫人为他的名信服真道;
6 Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.
其中也有你们这蒙召属耶稣基督的人。
7 Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
我写信给你们在罗马、为 神所爱、奉召作圣徒的众人。愿恩惠、平安从我们的父 神并主耶稣基督归与你们!
8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa.
第一,我靠着耶稣基督,为你们众人感谢我的 神,因你们的信德传遍了天下。
9 Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.
我在他儿子福音上,用心灵所事奉的 神可以见证,我怎样不住地提到你们;
10 Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara.
在祷告之间常常恳求,或者照 神的旨意,终能得平坦的道路往你们那里去。
11 Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
因为我切切地想见你们,要把些属灵的恩赐分给你们,使你们可以坚固;
12 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.
这样,我在你们中间,因你与我彼此的信心,就可以同得安慰。
13 Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no.
弟兄们,我不愿意你们不知道,我屡次定意往你们那里去,要在你们中间得些果子,如同在其余的外邦人中一样;只是到如今仍有阻隔。
14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie.
无论是希腊人、化外人、聪明人、愚拙人,我都欠他们的债,
15 Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo.
所以情愿尽我的力量,将福音也传给你们在罗马的人。
16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso.
我不以福音为耻;这福音本是 神的大能,要救一切相信的,先是犹太人,后是希腊人。
17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
因为 神的义正在这福音上显明出来;这义是本于信,以至于信。如经上所记:“义人必因信得生。”
18 Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no.
原来, 神的忿怒从天上显明在一切不虔不义的人身上,就是那些行不义阻挡真理的人。
19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu.
神的事情,人所能知道的,原显明在人心里,因为 神已经给他们显明。
20 Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. (aïdios )
自从造天地以来, 神的永能和神性是明明可知的,虽是眼不能见,但借着所造之物就可以晓得,叫人无可推诿。 (aïdios )
21 Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.
因为,他们虽然知道 神,却不当作 神荣耀他,也不感谢他。他们的思念变为虚妄,无知的心就昏暗了。
22 Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ.
自称为聪明,反成了愚拙,
23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn.
将不能朽坏之 神的荣耀变为偶像,仿佛必朽坏的人和飞禽、走兽、昆虫的样式。
24 Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso.
所以, 神任凭他们逞着心里的情欲行污秽的事,以致彼此玷辱自己的身体。
25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen. (aiōn )
他们将 神的真实变为虚谎,去敬拜事奉受造之物,不敬奉那造物的主—主乃是可称颂的,直到永远。阿们! (aiōn )
26 Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa.
因此, 神任凭他们放纵可羞耻的情欲。他们的女人把顺性的用处变为逆性的用处;
27 Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.
男人也是如此,弃了女人顺性的用处,欲火攻心,彼此贪恋,男和男行可羞耻的事,就在自己身上受这妄为当得的报应。
28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
他们既然故意不认识 神, 神就任凭他们存邪僻的心,行那些不合理的事;
29 Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro,
装满了各样不义、邪恶、贪婪、恶毒;满心是嫉妒、凶杀、争竞、诡诈、毒恨;
30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm.
又是谗毁的、背后说人的、怨恨 神的、侮慢人的、狂傲的、自夸的、捏造恶事的、违背父母的、
31 Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ.
无知的、背约的、无亲情的、不怜悯人的。
32 Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.
他们虽知道 神判定行这样事的人是当死的,然而他们不但自己去行,还喜欢别人去行。