< Adiyisɛm 13 >

1 Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano hɔ. Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho.
І став я на піску морському, і бачив зьвіра, що виходив з моря, в котрого сїм голов і десять рогів; а на рогах його десять корон, а на головах його імена богохульні.
2 Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no.
А зьвір, котрого я бачив, був подібний до рися, а ноги його як у ведмедя, а рот його як рот у лева. І дав йому змій силу свою, і престол свій, і велику власть.
3 Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi.
І бачив я одну з голов його, наче на смерть вбиту, і смертня рана її вилїчена, і дивувала ся ціла земля, (ідучи) в слїд за зьвіром.
4 Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa sɛ, “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?”
І поклонились змієві, що дав власть зьвірові; і поклонились зьвірові, говорячи: хто подібний зьвірові? хто може воювати з ним?
5 Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu.
І дано йому уста, говорити велике й хулу; й дана йому власть провадити війну сорок і два місяцї.
6 Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa.
І відчинив він уста свої на хулу проти Бога, щоб хулити імя Його, і оселю Його і тих, що домують в небі.
7 Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi.
І дано йому провадити війну з сьвятими, і побідити їх; і дана йому власть над всяким родом, і язиком, і народом.
8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase.
І поклонять ся йому всї, що домують на землї, котрих імена не написані в книзї життя Агнця, заколеного від основання сьвіта.
9 “Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie.
Коли хто має ухо, нехай слухає.
10 “Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkum no akofena ano no, wɔbɛkum no.” Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
Коли хто веде в полон, то пійде (сам) в полон; коли хто мечем вбиває, то мусить сам бути вбитий мечем. Осьде терпиливість і віра сьвятих.
11 Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ nnwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ no.
І бачив я иншого зьвіра, що виходив із землї, а мав він два роги, подобні як у ягняти, а говорив як змій.
12 Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no.
І всією властю первого зьвіра орудує він перед ним; і наставляє землю і домуючих на нїй, щоб покланялись первому зьвірові, в котрого сцїлена смертна рана його.
13 Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim.
І робить великі ознаки, так що вогонь зводить з неба на землю перед людьми.
14 Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam.
І підманює домуючих на землї через ознаки, що дано йому робити їх перед зьвіром, говорячи домуючим на землї, щоб робили образ зьвіра, що має рану від меча, і ожив.
15 Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
І дано йому вложити духа образові зьвіра, нехай би також говорив образ зьвіра, і робив, щоб, хто не поклонить ся перед образом зьвіра, був убитий.
16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ.
І зробить він, щоб усїм малим, і великим, і багатим, і вбогим, і вольним, і невольним дано пятно на правій руцї їх, або на чолї їх.
17 Obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ.
І щоб нїхто не міг куповати або продавати, як тільки, хто має пятно або імя зьвіра, або число імени його.
18 Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma aboa no ase, ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnneɛ no gyina hɔ ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ahansia aduosia nsia.
Ось де премудрость. Хто має розум, нехай вилїчить число зьвіра; се бо число чоловіче; і число його шістьсот шістьдесять і шість.

< Adiyisɛm 13 >