< Nnwom 87 >

1 Kora mma dwom. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;
Un Salmo de los hijos de Coré; una Canción. Su fundamento está en los montes sagrados.
2 Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa.
Yahvé ama las puertas de Sión más que todas las moradas de Jacob.
3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn:
Cosas gloriosas se dicen de ti, ciudad de Dios. (Selah)
4 “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’”
Registraré a Rahab y a Babilonia entre los que me reconocen. Mira, Filistea, Tiro, y también Etiopía: “Este nació allí”.
5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
Sí, de Sión se dirá: “Éste y aquél han nacido en ella”. el mismo Altísimo la establecerá.
6 Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.”
Yahvé contará, cuando escriba los pueblos, “Este nació allí”. (Selah)
7 Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”
Tanto los que cantan como los que bailan dicen, “Todos mis resortes están en ti”.

< Nnwom 87 >