< Nnwom 87 >

1 Kora mma dwom. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; 2 Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa. 3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn: 4 “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’” 5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.” 6 Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.” 7 Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”

< Nnwom 87 >