< Nnwom 81 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so. Asaf dwom. Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no!
למנצח על-הגתית לאסף ב הרנינו לאלהים עוזנו הריעו לאלהי יעקב
2 Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.
שאו-זמרה ותנו-תף כנור נעים עם-נבל
3 Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;
תקעו בחדש שופר בכסה ליום חגנו
4 Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ, Yakob Onyankopɔn mmara.
כי חק לישראל הוא משפט לאלהי יעקב
5 Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no, faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no.
עדות ביהוסף שמו-- בצאתו על-ארץ מצרים שפת לא-ידעתי אשמע
6 Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so, ne mo nsa firii adwumaden ho.
הסירותי מסבל שכמו כפיו מדוד תעברנה
7 Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, megyee mo so wɔ aprannaa mu; me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.
בצרה קראת ואחלצך אענך בסתר רעם אבחנך על-מי מריבה סלה
8 “Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!
שמע עמי ואעידה בך ישראל אם-תשמע-לי
9 Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame.
לא-יהיה בך אל זר ולא תשתחוה לאל נכר
10 Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so no. Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.
אנכי יהוה אלהיך-- המעלך מארץ מצרים הרחב-פיך ואמלאהו
11 “Nanso me nkurɔfoɔ rentie me; Israel remmrɛ ne ho ase mma me.
ולא-שמע עמי לקולי וישראל לא-אבה לי
12 Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara.
ואשלחהו בשרירות לבם ילכו במועצותיהם
13 “Sɛ me nkurɔfoɔ tie me, na Israel nante mʼakwan so a,
לו--עמי שמע לי ישראל בדרכי יהלכו
14 anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn!
כמעט אויביהם אכניע ועל צריהם אשיב ידי
15 Wɔn a wɔtane Awurade no de suro bɛkoto no, na wɔn asotwe to rentwa da.
משנאי יהוה יכחשו-לו ויהי עתם לעולם
16 Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi; mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.”
ויאכילהו מחלב חטה ומצור דבש אשביעך

< Nnwom 81 >