< Nnwom 79 >

1 Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.
A Psalm of Asaph. The nations, O God, have invaded Your inheritance; they have defiled Your holy temple and reduced Jerusalem to rubble.
2 Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane ama ewiem nnomaa, na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.
They have given the corpses of Your servants as food to the birds of the air, the flesh of Your saints to the beasts of the earth.
3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.
They have poured out their blood like water all around Jerusalem, and there is no one to bury the dead.
4 Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
We have become a reproach to our neighbors, a scorn and derision to those around us.
5 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa? Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?
How long, O LORD? Will You be angry forever? Will Your jealousy burn like fire?
6 Hwie wʼabofuo gu amanaman a wɔnni woɔ no so, ahennie a wɔmmɔ wo din no;
Pour out Your wrath on the nations that do not acknowledge You, on the kingdoms that refuse to call on Your name,
7 ɛfiri sɛ wɔakum Yakob na wɔasɛe nʼatenaeɛ.
for they have devoured Jacob and devastated his homeland.
8 Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu.
Do not hold past sins against us; let Your compassion come quickly, for we are brought low.
9 Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no animuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din enti.
Help us, O God of our salvation, for the glory of Your name; deliver us and atone for our sins, for the sake of Your name.
10 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
Why should the nations ask, “Where is their God?” Before our eyes, make known among the nations Your vengeance for the bloodshed of Your servants.
11 Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
May the groans of the captives reach You; by the strength of Your arm preserve those condemned to death.
12 Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson.
Pay back into the laps of our neighbors sevenfold the reproach they hurled at You, O Lord.
13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no, bɛyi wo ayɛ daa nyinaa; ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.
Then we Your people, the sheep of Your pasture, will thank You forever; from generation to generation we will declare Your praise.

< Nnwom 79 >