< Nnwom 63 >

1 Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ. Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie.
מזמור לדוד בהיותו במדבר יהודה ב אלהים אלי אתה-- אשחרך צמאה לך נפשי-- כמה לך בשרי בארץ-ציה ועיף בלי-מים
2 Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.
כן בקדש חזיתך-- לראות עזך וכבודך
3 Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.
כי-טוב חסדך מחיים שפתי ישבחונך
4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa.
כן אברכך בחיי בשמך אשא כפי
5 Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.
כמו חלב ודשן תשבע נפשי ושפתי רננות יהלל-פי
6 Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.
אם-זכרתיך על-יצועי-- באשמרות אהגה-בך
7 Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.
כי-היית עזרתה לי ובצל כנפיך ארנן
8 Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu.
דבקה נפשי אחריך בי תמכה ימינך
9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
והמה--לשואה יבקשו נפשי יבאו בתחתיות הארץ
10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.
יגירהו על-ידי-חרב מנת שעלים יהיו
11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano.
והמלך ישמח באלהים יתהלל כל-הנשבע בו כי יסכר פי דוברי-שקר

< Nnwom 63 >