< Nnwom 58 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?
[For the Chief Musician. To the tune of "Do Not Destroy." A poem by David.] Do you rulers indeed speak righteousness? Do you judge blamelessly, you descendants of Adam?
2 Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
No, in your heart you plot injustice. You measure out the violence of your hands in the earth.
3 Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.
The wicked go astray from the womb. They are wayward as soon as they are born, speaking lies.
4 Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,
Their poison is like the poison of a serpent; like a deaf viper that stops its ear,
5 a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.
which doesn't listen to the voice of charmers, no matter how skillful the charmer may be.
6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!
Break their teeth, God, in their mouth. Break out the great teeth of the young lions, LORD.
7 Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
Let them vanish as water that flows away. When they draw the bow, let their arrows be made blunt.
8 Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.
Let them be like a snail which melts and passes away, like the stillborn child, who has not seen the sun.
9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.
Before your pots can feel the heat of the thorns, he will sweep away the green and the burning alike.
10 Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.
The righteous shall rejoice when he sees the vengeance. He shall wash his feet in the blood of the wicked;
11 Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.”
so that men shall say, "Most certainly there is a reward for the righteous. Most certainly there is a God who judges the earth."

< Nnwom 58 >