< Nnwom 54 >

1 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me.
O! Dios, sálvame en tu nombre, y con tu valentía me defiende.
2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm.
O! Dios, oye mi oración, escucha las razones de mi boca.
3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
Porque extraños se han levantado contra mí, y fuertes han buscado a mi alma: no han puesto a Dios delante de si. (Selah)
4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ.
He aquí, Dios es el que me ayuda; el Señor es con los que sustentan mi vida.
5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.
El volverá el mal a mis enemigos; córtalos por tu verdad.
6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ.
Voluntariamente sacrificaré a ti; alabaré tu nombre, o! Jehová, porque es bueno.
7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.
Porque me ha escapado de toda angustia, y en mis enemigos vieron mis ojos la venganza.

< Nnwom 54 >