< Nnwom 15 >

1 Dawid dwom. Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so?
A psalm of David. Yahweh, who may stay in your tabernacle? Who may live on your holy hill?
2 Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam
Whoever walks blamelessly, does what is right and speaks truth from his heart.
3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa,
He does not slander with his tongue, he does not harm others, and he does not insult his neighbor.
4 deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo,
The worthless person is despised in his eyes, but he honors those who fear Yahweh. He swears to his own disadvantage and does not take back his promises.
5 deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da.
He does not charge interest when he lends money. He does not take bribes to testify against the innocent. He who does these things will never be shaken.

< Nnwom 15 >