< Nnwom 133 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom tena faako!
שיר המעלות לדוד הנה מה-טוב ומה-נעים-- שבת אחים גם-יחד
2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.
כשמן הטוב על-הראש-- ירד על-הזקן זקן-אהרן שירד על-פי מדותיו
3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.
כטל-חרמון-- שירד על-הררי ציון כי שם צוה יהוה את-הברכה-- חיים עד-העולם

< Nnwom 133 >