< Nnwom 129 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka.
שיר המעלות רבת צררוני מנעורי-- יאמר-נא ישראל
2 “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, nanso wɔntumi nnii me so nkonim.
רבת צררוני מנעורי גם לא-יכלו לי
3 Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene.
על-גבי חרשו חרשים האריכו למענותם (למעניתם)
4 Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”
יהוה צדיק קצץ עבות רשעים
5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
יבשו ויסגו אחור-- כל שנאי ציון
6 Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye;
יהיו כחציר גגות-- שקדמת שלף יבש
7 Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.
שלא מלא כפו קוצר וחצנו מעמר
8 Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”
ולא אמרו העברים-- ברכת-יהוה אליכם ברכנו אתכם בשם יהוה

< Nnwom 129 >