< Nnwom 104 >

1 Ao me ɔkra, kamfo Awurade! Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! Wɔafira tumi ne animuonyam.
ברכי נפשי את-יהוה יהוה אלהי גדלת מאד הוד והדר לבשת
2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,
עטה-אור כשלמה נוטה שמים כיריעה
3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nante mframa ntaban so.
המקרה במים עליותיו השם-עבים רכובו המהלך על-כנפי-רוח
4 Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ.
עשה מלאכיו רוחות משרתיו אש להט
5 Ɔde asase asi ne fapem so na ɛrenhinhim da.
יסד-ארץ על-מכוניה בל-תמוט עולם ועד
6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ na nsuo gyinaa mmepɔ no so.
תהום כלבוש כסיתו על-הרים יעמדו מים
7 Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ, wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ;
מן-גערתך ינוסון מן-קול רעמך יחפזון
8 Wɔtenetenee faa mmepɔ so, kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn, kɔguu baabi a wode ama wɔn no.
יעלו הרים ירדו בקעות-- אל-מקום זה יסדת להם
9 Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra; na wɔammɛkata asase so bio.
גבול-שמת בל-יעברון בל-ישבון לכסות הארץ
10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu; ɛtene fa mmepɔ ntam.
המשלח מעינים בנחלים בין הרים יהלכון
11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom; ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm.
ישקו כל-חיתו שדי ישברו פראים צמאם
12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho; na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
עליהם עוף-השמים ישכון מבין עפאים יתנו-קול
13 Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so; Awurade nnwuma so aba mee asase.
משקה הרים מעליותיו מפרי מעשיך תשבע הארץ
14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie, na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua na ɛmma aduane mfiri asase mu:
מצמיח חציר לבהמה ועשב לעבדת האדם להוציא לחם מן-הארץ
15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam, na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so, na aduane nso akura onipa akoma.
ויין ישמח לבב-אנוש-- להצהיל פנים משמן ולחם לבב-אנוש יסעד
16 Wɔgugu Awurade nnua no so yie, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.
ישבעו עצי יהוה-- ארזי לבנון אשר נטע
17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu.
אשר-שם צפרים יקננו חסידה ברושים ביתה
18 Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea; na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua.
הרים הגבהים ליעלים סלעים מחסה לשפנים
19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu, na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ.
עשה ירח למועדים שמש ידע מבואו
20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.
תשת-חשך ויהי לילה-- בו-תרמש כל-חיתו-יער
21 Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ.
הכפירים שאגים לטרף ולבקש מאל אכלם
22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi; wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.
תזרח השמש יאספון ואל-מעונתם ירבצון
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ.
יצא אדם לפעלו ולעבדתו עדי-ערב
24 Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma.
מה-רבו מעשיך יהוה-- כלם בחכמה עשית מלאה הארץ קנינך
25 Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi, a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano, akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.
זה הים גדול-- ורחב ידים שם-רמש ואין מספר חיות קטנות עם-גדלות
26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba, na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.
שם אניות יהלכון לויתן זה-יצרת לשחק-בו
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.
כלם אליך ישברון-- לתת אכלם בעתו
28 Wodema wɔn a, wɔtase; wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.
תתן להם ילקטון תפתח ידך ישבעון טוב
29 Wode wʼanim hinta wɔn a, wɔbɔ hu; sɛ wogye wɔn ahomeɛ a, wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu.
תסתיר פניך יבהלון תסף רוחם יגועון ואל-עפרם ישובון
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a na wɔabɔ wɔn, na woyɛ asase ani foforɔ.
תשלח רוחך יבראון ותחדש פני אדמה
31 Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa; ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
יהי כבוד יהוה לעולם ישמח יהוה במעשיו
32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.
המביט לארץ ותרעד יגע בהרים ויעשנו
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
אשירה ליהוה בחיי אזמרה לאלהי בעודי
34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
יערב עליו שיחי אנכי אשמח ביהוה
35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so; na amumuyɛfoɔ ase nhye. Ao me ɔkra, kamfo Awurade. Kamfo Awurade.
יתמו חטאים מן-הארץ ורשעים עוד אינם-- ברכי נפשי את-יהוה הללו-יה

< Nnwom 104 >