< Mmɛbusɛm 9 >

1 Nyansa asi ne fie; watwa nʼafadum nson ho.
חכמות בנתה ביתה חצבה עמודיה שבעה
2 Wasiesie nʼaduane afra ne nsã wato ne ɛpono.
טבחה טבחה מסכה יינה אף ערכה שלחנה
3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,
שלחה נערתיה תקרא-- על-גפי מרמי קרת
4 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
מי-פתי יסר הנה חסר-לב אמרה לו
5 “Mommra mmɛdi mʼaduane na monnom nsã a mafra no.
לכו לחמו בלחמי ושתו ביין מסכתי
6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa; monnante nteaseɛ akwan so.”
עזבו פתאים וחיו ואשרו בדרך בינה
7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ; na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.
יסר לץ--לקח לו קלון ומוכיח לרשע מומו
8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.
אל-תוכח לץ פן-ישנאך הוכח לחכם ויאהבך
9 Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
תן לחכם ויחכם-עוד הודע לצדיק ויוסף לקח
10 Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
תחלת חכמה יראת יהוה ודעת קדשים בינה
11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.
כי-בי ירבו ימיך ויוסיפו לך שנות חיים
12 Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ; sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.
אם-חכמת חכמת לך ולצת לבדך תשא
13 Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ; ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.
אשת כסילות המיה פתיות ובל-ידעה מה
14 Ɔte ne fie ɛpono ano, na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
וישבה לפתח ביתה-- על-כסא מרמי קרת
15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,
לקרא לעברי-דרך המישרים ארחותם
16 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
מי-פתי יסר הנה וחסר-לב ואמרה לו
17 “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”
מים-גנובים ימתקו ולחם סתרים ינעם
18 Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn. (Sheol h7585)
ולא-ידע כי-רפאים שם בעמקי שאול קראיה (Sheol h7585)

< Mmɛbusɛm 9 >