< Mmɛbusɛm 26 >

1 Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
כשלג בקיץ--וכמטר בקציר כן לא-נאוה לכסיל כבוד
2 Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
כצפור לנוד כדרור לעוף-- כן קללת חנם לא (לו) תבא
3 Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.
שוט לסוס מתג לחמור ושבט לגו כסילים
4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
אל-תען כסיל כאולתו פן-תשוה-לו גם-אתה
5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.
ענה כסיל כאולתו פן-יהיה חכם בעיניו
6 Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.
מקצה רגלים חמס שתה-- שלח דברים ביד-כסיל
7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
דליו שקים מפסח ומשל בפי כסילים
8 Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so, te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
כצרור אבן במרגמה-- כן-נותן לכסיל כבוד
9 Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
חוח עלה ביד-שכור ומשל בפי כסילים
10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.
רב מחולל-כל ושכר כסיל ושכר עברים
11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
ככלב שב על-קאו-- כסיל שונה באולתו
12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.
ראית--איש חכם בעיניו תקוה לכסיל ממנו
13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu, gyata nenam mmɔntene no so!”
אמר עצל שחל בדרך ארי בין הרחבות
14 Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no, saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.
הדלת תסוב על-צירה ועצל על-מטתו
15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu, na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.
טמן עצל ידו בצלחת נלאה להשיבה אל-פיו
16 Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
חכם עצל בעיניו-- משבעה משיבי טעם
17 Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
מחזיק באזני-כלב-- עבר מתעבר על-ריב לא-לו
18 Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo anaa agyan kɔdiawuo no
כמתלהלה הירה זקים-- חצים ומות
19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”
כן-איש רמה את-רעהו ואמר הלא-משחק אני
20 Yensin hi a, ogya dum; nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.
באפס עצים תכבה-אש ובאין נרגן ישתק מדון
21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.
פחם לגחלים ועצים לאש ואיש מדונים (מדינים) לחרחר-ריב
22 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
דברי נרגן כמתלהמים והם ירדו חדרי-בטן
23 Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
כסף סיגים מצפה על-חרש-- שפתים דלקים ולב-רע
24 Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ, nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.
בשפתו ינכר שונא ובקרבו ישית מרמה
25 Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.
כי-יחנן קולו אל-תאמן-בו כי שבע תועבות בלבו
26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.
תכסה שנאה במשאון תגלה רעתו בקהל
27 Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu; sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.
כרה-שחת בה יפול וגולל אבן אליו תשוב
28 Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi, na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.
לשון-שקר ישנא דכיו ופה חלק יעשה מדחה

< Mmɛbusɛm 26 >