< Mmɛbusɛm 11 >

1 Awurade kyiri asisie nsania, na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.
A false balance is an abomination to Jehovah; but a just weight is his delight.
2 Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.
[When] pride cometh, then cometh shame; but with the lowly is wisdom.
3 Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan; nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.
The integrity of the upright guideth them; but the crookedness of the unfaithful destroyeth them.
4 Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no, nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.
Wealth profiteth not in the day of wrath; but righteousness delivereth from death.
5 Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn, nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.
The righteousness of the perfect maketh plain his way; but the wicked falleth by his own wickedness.
6 Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.
The righteousness of the upright delivereth them; but the treacherous are taken in their own craving.
7 Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera; deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.
When a wicked man dieth, [his] expectation shall perish; and the hope of evil [men] perisheth.
8 Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.
The righteous is delivered out of trouble, and the wicked cometh in his stead.
9 Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.
With his mouth a hypocrite destroyeth his neighbour; but through knowledge are the righteous delivered.
10 Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie; nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.
When it goeth well with the righteous, the city rejoiceth; and when the wicked perish, there is shouting.
11 Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.
By the blessing of the upright the city is exalted; but it is overthrown by the mouth of the wicked.
12 Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
He that despiseth his neighbour is void of heart; but a man of understanding holdeth his peace.
13 Osekuni da kɔkoamsɛm adi, nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.
He that goeth about talebearing revealeth secrets; but he that is of a faithful spirit concealeth the matter.
14 Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.
Where no advice is, the people fall; but in the multitude of counsellors there is safety.
15 Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane, na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.
It goeth ill with him that is surety for another; but he that hateth suretyship is secure.
16 Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.
A gracious woman retaineth honour; and the violent retain riches.
17 Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho, na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.
The merciful man doeth good to his own soul; but the cruel troubleth his own flesh.
18 Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.
The wicked worketh a deceitful work; but he that soweth righteousness hath a sure reward.
19 Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa, nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.
As righteousness [tendeth] to life, so he that pursueth evil [doeth it] to his own death.
20 Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.
The perverse in heart are abomination to Jehovah; but they that are perfect in [their] way are his delight.
21 Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.
Hand for hand! an evil [man] shall not be held innocent; but the seed of the righteous shall be delivered.
22 Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.
A fair woman who is without discretion, is [as] a gold ring in a swine's snout.
23 Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.
The desire of the righteous is only good; the expectation of the wicked is wrath.
24 Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree; obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.
There is that scattereth, and yet increaseth; and there is that withholdeth more than is right, but [it tendeth] only to want.
25 Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho; na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
The liberal soul shall be made fat, and he that watereth shall be watered also himself.
26 Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie, na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.
He that withholdeth corn, the people curse him; but blessing shall be upon the head of him that selleth it.
27 Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ, na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
He that is earnest after good seeketh favour; but he that searcheth for mischief, it shall come upon him.
28 Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.
He that trusteth in his riches shall fall; but the righteous shall flourish as a leaf.
29 Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.
He that troubleth his own house shall inherit wind; and the fool shall be servant to the wise of heart.
30 Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.
The fruit of the righteous is a tree of life; and the wise winneth souls.
31 Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!
Behold, the righteous shall be requited on the earth: how much more the wicked and the sinner.

< Mmɛbusɛm 11 >