< Mika 2 >

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
Alas for them who devise iniquity and work wickedness upon their beds, —in the light of the morning, they will execute it, for it is in the power of their hand.
2 Wɔn ani bere mfuo na wɔgye. Na afie nso wɔfa. Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie, na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.
Thus do they covet fields and seize them, and houses and take them away, —and so they oppress the master and his household, the man and his inheritance.
3 Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.
Therefore, —Thus, saith Yahweh, Behold me! devising, against this family, a calamity, —from which ye shall not remove your neck, neither shall ye walk loftily, for, a time of calamity, shall it be.
4 Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’”
In that day, shall one take up against you a by-word, and lament a lamentable lamentation, saying—we are made, utterly desolate, the portion of my people, he passeth to others, —How doth he set me aside! To an apostate, our fields, doth he apportion.
5 Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
Therefore, shalt thou have none to throw a measuring-line by lot, —in the convocation of Yahweh.
6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguaseɛ rento yɛn.”
Do not sputter—So they sputter! They must not sputter as to these things, Must he not put away reproaches?
7 Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa?
O thou who art said to be the house of Jacob, Is the spirit of Yahweh, impatient? Or are, these, his doings? Are not, his words, pleasant to him who is upright in his walk?
8 Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.
But, against my people, as an enemy, he setteth himself, from off the robe, they tear away, the cloak, —from such as are passing by with confidence, as men averse from war.
9 Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ.
The wives of my people, ye do even drive out, each from the house of her darlings, —from over her children, ye do take away mine ornament, as long as life shall last.
10 Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.
Arise ye and depart, for, this, is not the place of rest, —Because it is defiled, it shall make desolate with a desolation that is ruthless.
11 Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.
If there be a man, who goeth after wind, and, falsehood, hath woven, [saying] —I will discourse to thee, concerning wine and strong drink, then shall he become a fountain of discourse unto this people.
12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.
I will, surely assemble, O Jacob, all of thee, I will, surely gather, the remnant of Israel, at once, will I make them like sheep in distress, —Like a flock in the midst of its pasture, shall they hum with men,
13 Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ. Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”
One making a breach, hath gone up, before them, they have broken in, and passed through, and, by the gate, have departed, —and their king, hath passed through, before them, with, Yahweh, at their head!

< Mika 2 >