< Marko 9 >
1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”
І рече їм: Істино глаголю вам: Що є деякі між стоячими тут, котрі не вкусять смерти, поки побачять царство Боже, що прийде в потузі.
2 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu.
А через шість день бере Ісус Петра, та Якова, та Йоана, й веде їх на гору високу окреме самих; і переобразивсь перед ними.
3 Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no.
І стала одежа Його осяйна, вельми біла мов сніг, якої біляр на землі не може вбілити.
4 Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!
І явив ся їм Ілия з Мойсейом, і розмовляли з Ісусом.
5 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.”
І озвавшись Петр, каже до Ісуса: Учителю, добре нам тут бути; зробимо три намети, Тобі один, і Мойсейові один, і Ілиї один.
6 Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.
Не знав бо, що казати: були бо полякані.
7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”
І постала хмара отіняюча їх, і вийшов голос із хмари глаголючи: Се Син мій любий; Його слухайте.
8 Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.
І зараз озирнувшись, уже нїкого не бачили, тільки Ісуса одного з собою.
9 Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.
Як же вони сходили з гори, наказав їм, щоб нікому не казали, що бачили, аж поки Син чоловічий з мертвих воскресне.
10 Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?
І задержали вони се слово в себе, перепитуючись, що се єсть: із мертвих воскреснути.
11 Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no.
І питали Його, говорячи: Що се кажуть письменники, що Ілия мусить прийти перше?
12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no?
Він же, озвавшись, рече їм: Ілия, прийшовши перше, налагодить усе; і як писано про Сина чоловічого, щоб Він багато витерпів і був погорджений.
13 Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.”
Тільки ж глаголю вам: Що Ілия прийшов, і зробили йому, що схотіли, як писано про него.
14 Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ.
І, прийшовши до учеників, побачив багато народу кругом них, і письменників, що перепитують ся з ними.
15 Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no.
І зараз увесь народ, побачивши Його, вельми сполохнув ся, і прибігаючи витали Його.
16 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?”
І питав Він письменників: Про що ви перепитуєте ся з ними?
17 Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa.
І озвавшись один з народу, каже: Учителю, призів я сина мого до тебе, що має духа нїмого.
18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.”
І як схопить його, то рве його, й пінить ся він, і скрегоче зубами своїми, та все сохне. І казав я ученикам твоїм, щоб його вигнали, та не здолїли.
19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”
Він же, озвавшись, рече йому: О кодло невірне! доки в вас буду? доки терпіти му вас? Приведіть його до мене.
20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.
І привели його до Него. І, побачивши Його, зараз дух затряс ним; і впавши той на землю, качав ся запінившись.
21 Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ;
І спитав батька його: З якого се часу, що так сталось йому? Він же казав: З малку.
22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”
І почасту в огонь кидав його і в воду, щоб погубити його. Тільки ж, коли що зможеш, поможи нам, змилосердившись над нами.
23 Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.”
Ісус же рече йому: Коли можеш у те вірувати, то все можливе віруючому.
24 Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!”
І зараз, заголосивши, батько хлопчика, каже кріз сльози: Вірую, Господи; поможи моєму недовірству.
25 Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”
Бачивши ж Ісус, що збігаєть ся народ, погрозив духові нечистому, глаголючи йому: Душе нїмий і глухий, я тобі повеліваю, вийди з него й більш не входь в него.
26 Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.”
І закричавши, й вельми потрясши ним, вийшов; і став наче мертвий; так що многі казали: Що вмер.
27 Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.
Ісус же, взявши його за руку, підвів його; й він устав.
28 Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”
І, як увіходив у господу, ученики Його питали Його окреме: Чому ми не змогли вигнати його.
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.”
І рече їм: Се кодло нічим не може вийти, тільки молитвою та постом.
30 Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka.
І, вийшовши звідтіля, переходили через Галилею, і не хотів, щоб хто знав.
31 Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.”
Навчав бо учеників своїх, і глаголав їм; Що Син чоловічий буде виданий у руки чоловічі, і вбють Його, і вбитий, Він третього дня воскресне.
32 Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.
Вони ж не розуміли слова, й боялись Його спитати.
33 Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?”
І прийшов у Капернаум, і, бувши в господі, спитав їх: Про що ви дорогою між собою міркували?
34 Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho.
Вони ж мовчали; перемовлялись бо між собою в дорозї, хто більший.
35 Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”
І сївши, призвав дванайцятьох, і рече їм: Коли хто хоче першим бути, нехай буде з усіх останнім і всїм слугою.
36 Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ,
І, взявши дитину, поставив її серед них, і обнявши її, рече їм-
37 “Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”
Хто одно з таких дітей прийме в імя мов, мене приймав; а хто мене приймає, не мене приймає, а пославшого мене.
38 Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”
Озвавсь до Него Йоан, говорячи: Учителю, бачили ми одного, що імям Твоїм виганяв біси, а не ходить слїдом за нами, й заборонили йому; бо не ходить слідом за нами.
39 Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me,
Ісусже рече: Не бороніть йому, нема бо такого, що зробить чудо в імя моє, і зможе скоро злословити мене.
40 na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa.
Хто бо не проти вас, той за вас.
41 Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.
Хто бо напоїть вас чашею води в імя моє, що ви Христові, істино глаголю вам: не втеряє нагороди своєї.
42 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu.
Та хто зблазннть одного з малих віруючих у мене, лучче йому, коли б почеплено жорно млинове на шию йому, та й укинуто в море.
43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya (Geenna )
І коли бдазнить тебе рука твоя, відотнй її; лучче тобі калікою в життє ввійти, нїж, дві руці мавши, пійти в пекло, в огонь невгасаючий, (Geenna )
де червяк їх не вмирає, й огонь не вгасає.
45 Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya (Geenna )
І коли нога твоя блазнить тебе, відотнй її; лучче тобі ввійти в життє кривим, нїж дві нозі мавши, бути вкинутим у пекло, в огонь невгасаючий, (Geenna )
де червяк їх не вмирає й огонь не вгасає.
47 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, (Geenna )
І коли око твоє блазнить тебе, вирви його; лучче тобі однооким увійти в царство Боже, ніж, дві оці мавши, бути вкинутим ув огняне пекло, (Geenna )
48 baabi a “‘ogya no ɛnnum da, na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’
де червяв їх не вмирає, й огонь не вгасає.
49 Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.
Кожен бо огнем посолить ся, і кожна жертва сіллю посолить ся.
50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”
Добро сіль; коли ж сіль несолона стане, то чим солити Ті? Майте в собі сіль, і майте впокій між собою.