< Marko 11 >

1 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan.
І як наближились до Єрусалиму, до Витфагиї й Витаниї, до гори Оливної, посилає двох учеників своїх,
2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me.
і рече їм: Ійдїть у село, що перед вами, і зараз, увійшовши в него, знайдете осля привязане, на котре ніхто в людей не сідав, одвязавши його, приведіть.
3 Na sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’”
І, коли хто вам скаже: Що се робите? скажіть: Що Господові його треба; й зараз його відошле сюди.
4 Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no.
Пійшли ж вони, й знайшли осля лривязане коло дверей знадвору, на роздоріжжю, та й одвязали його.
5 Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?”
І деякі, що там стояли, казали їм: Що ви робите, одвязуючи осля?
6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ.
Вони ж сказали їм, як звелїв Ісус; і пустили їх.
7 Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so.
І привели осля до Ісуса, й накинули на него одежу свою, і посадили на него.
8 Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.
Многі ж одежу свою розстилали по дорозі, инші ж гіллє різали з дерев, і встилали дорогу.
9 Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!”
Инші, що попереду йшли, і що слїдом за Ним ійшли, покликували, кажучи: Осанна! Благословен грядущий в імя Господнє;
10 “Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.” “Hosiana wɔ ɔsorosoro!”
благословенне грядуще в імя Господа царство отця нашого Давида. Осанна на вишинах!
11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.
І ввійшов Ісус в Єрусалим і в церкву, й, оглянувши все, як пізня вже була година, вийшов у Витанню з дванайцятьма.
12 Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no.
І назавтра, як вийшли вони з Витаниї, зголоднїв,
13 Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so.
і, загледївши смоківницю оддалеки, що мала листе, прийшов, чи не знайде чого на ній. І, прийшовши до неї, нїчого не знайшов, тільки листє; не була бо ще пора на смокви.
14 Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no. (aiōn g165)
І, озвавшись Ісус, рече до неї: Щоб нїколи з тебе по вік нїхто овощу не їв. І чули ученики Його. (aiōn g165)
15 Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa,
І приходять у Єрусалим, і ввійшовши Ісус у церкву, почав виганяти продаючих і купуючих у церкві, і столи міняльників, і ослони продаючих голуби поперевертав,
16 sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio.
і не давав, щоб хто носив посуд через церкву.
17 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
І навчав, глаголючи їм: Хиба не писано: Що дом мій дом молитви звати меть ся у всіх народів? ви ж зробили його вертепом розбійників.
18 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
І чули письменники та архиєреї й шукали, як би Його погубити: боялись бо Його, бо ввесь народ дивував ся наукою Його.
19 Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.
І, як вечір, настав, вийшов Вів осторонь із города.
20 Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu.
А вранці, мимо йдучи, побачили смоківницю всохлу від коріння.
21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
І споглянувши Петр, рече Йому; Учителю, дивись, смоківниця, що прокляв єси, всохла.
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a,
І озвавшись Ісус, рече їм: Майте віру Божу.
23 anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim.
Істино глаголю вам: Що хто скаже горі сїй: Двигнись і кинь ся в море, та й не сумнити меть ся в серпЇ своїм, а вірувати ме, що, що каже, станеть ся, буде йому, що скаже.
24 Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mobɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, monnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
Тим глаголю вам: Усе, чого молячись просите, віруйте, що одержите, й буде вам.
25 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.
І як стоїте молячись, прощайте, коли що маєте проти кого, щоб і Отець ваш, що на небі, відпустив вам провини ваші.
26 Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”
Коли ж ви не прощаєте, то й Отець ваш, що на небі, не простить вам провин ваших.
27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
І приходять знов у Єрусалим; і, як по церкві ходив Він, приступають до Вето архиєреї, та письменники, та старші,
28 “Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?”
і кажуть Йому: Якою властю Ти і се робиш? і хто Тобі власть таку дав, щоб се робити?
29 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me!
Ісус же, озвавшись, рече їм: Спитаю вас і я про одну річ; відкажіть менї, то й я скажу вам, якою властю се роблю.
30 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!”
Хрещеннє Йоанове чи з неба було, чи від людей? Відкажіть мені.
31 Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni.
І міркували між собою, говорячи: Коди скажемо: З неба, то скаже: Чом же не поняли віри йому?
32 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
Коли ж скажемо: Від людей, то боялись людей: всі бо мали Йоана, що він справді пророк був.
33 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”
І, озвавшись, кажуть Ісусові: Не знаємо. Ісус, озвавшись, рече їм: То й я не кажу вам, якою властю се роблю.

< Marko 11 >