< Atemmufoɔ 7 >

1 Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no.
וישכם ירבעל הוא גדעון וכל העם אשר אתו ויחנו על עין חרד ומחנה מדין היה לו מצפון מגבעת המורה בעמק
2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ.
ויאמר יהוה אל גדעון רב העם אשר אתך מתתי את מדין בידם פן יתפאר עלי ישראל לאמר ידי הושיעה לי
3 Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko.
ועתה קרא נא באזני העם לאמר מי ירא וחרד ישב ויצפר מהר הגלעד וישב מן העם עשרים ושנים אלף ועשרת אלפים נשארו
4 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”
ויאמר יהוה אל גדעון עוד העם רב הורד אותם אל המים ואצרפנו לך שם והיה אשר אמר אליך זה ילך אתך הוא ילך אתך וכל אשר אמר אליך זה לא ילך עמך הוא לא ילך
5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”
ויורד את העם אל המים ויאמר יהוה אל גדעון כל אשר ילק בלשונו מן המים כאשר ילק הכלב תציג אותו לבד וכל אשר יכרע על ברכיו לשתות
6 Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu.
ויהי מספר המלקקים בידם אל פיהם--שלש מאות איש וכל יתר העם כרעו על ברכיהם לשתות מים
7 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.”
ויאמר יהוה אל גדעון בשלש מאות האיש המלקקים אושיע אתכם ונתתי את מדין בידך וכל העם--ילכו איש למקמו
8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.
ויקחו את צדה העם בידם ואת שופרתיהם ואת כל איש ישראל שלח איש לאהליו ובשלש מאות האיש החזיק ומחנה מדין היה לו מתחת בעמק
9 Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!
ויהי בלילה ההוא ויאמר אליו יהוה קום רד במחנה כי נתתיו בידך
10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ.
ואם ירא אתה לרדת--רד אתה ופרה נערך אל המחנה
11 Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.” Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire.
ושמעת מה ידברו ואחר תחזקנה ידיך וירדת במחנה וירד הוא ופרה נערו אל קצה החמשים אשר במחנה
12 Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo!
ומדין ועמלק וכל בני קדם נפלים בעמק כארבה לרב ולגמליהם אין מספר כחול שעל שפת הים לרב
13 Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!”
ויבא גדעון--והנה איש מספר לרעהו חלום ויאמר הנה חלום חלמתי והנה צליל לחם שערים מתהפך במחנה מדין ויבא עד האהל ויכהו ויפל ויהפכהו למעלה ונפל האהל
14 Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”
ויען רעהו ויאמר אין זאת בלתי אם חרב גדעון בן יואש איש ישראל נתן האלהים בידו את מדין ואת כל המחנה
15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.”
ויהי כשמע גדעון את מספר החלום ואת שברו--וישתחו וישב אל מחנה ישראל ויאמר קומו כי נתן יהוה בידכם את מחנה מדין
16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.
ויחץ את שלש מאות האיש שלשה ראשים ויתן שופרות ביד כלם וכדים ריקים ולפדים בתוך הכדים
17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi.
ויאמר אליהם ממני תראו וכן תעשו והנה אנכי בא בקצה המחנה והיה כאשר אעשה כן תעשון
18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’”
ותקעתי בשופר--אנכי וכל אשר אתי ותקעתם בשופרות גם אתם סביבות כל המחנה ואמרתם ליהוה ולגדעון
19 Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no.
ויבא גדעון ומאה איש אשר אתו בקצה המחנה ראש האשמרת התיכונה--אך הקם הקימו את השמרים ויתקעו בשופרות ונפוץ הכדים אשר בידם
20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!”
ויתקעו שלשת הראשים בשופרות וישברו הכדים ויחזיקו ביד שמאולם בלפדים וביד ימינם השופרות לתקוע ויקראו חרב ליהוה ולגדעון
21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.
ויעמדו איש תחתיו סביב למחנה וירץ כל המחנה ויריעו ויניסו (וינוסו)
22 Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so.
ויתקעו שלש מאות השופרות וישם יהוה את חרב איש ברעהו ובכל המחנה וינס המחנה עד בית השטה צררתה--עד שפת אבל מחולה על טבת
23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no.
ויצעק איש ישראל מנפתלי ומן אשר ומן כל מנשה וירדפו אחרי מדין
24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no.
ומלאכים שלח גדעון בכל הר אפרים לאמר רדו לקראת מדין ולכדו להם את המים עד בית ברה ואת הירדן ויצעק כל איש אפרים וילכדו את המים עד בית ברה ואת הירדן
25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.
וילכדו שני שרי מדין את ערב ואת זאב ויהרגו את עורב בצור עורב ואת זאב הרגו ביקב זאב וירדפו אל מדין וראש ערב וזאב--הביאו אל גדעון מעבר לירדן

< Atemmufoɔ 7 >