< Atemmufoɔ 5 >

1 Ɛda no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:
ותשר דבורה וברק בן אבינעם ביום ההוא לאמר
2 “Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu, na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade!
בפרע פרעות בישראל בהתנדב עם ברכו יהוה
3 “Mo ahemfo, montie! Monyɛ aso, mo aberempɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Onyankopɔn.
שמעו מלכים האזינו רזנים אנכי ליהוה אנכי אשירה אזמר ליהוה אלהי ישראל
4 “Awurade, ɛberɛ a wofirii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuo so no, asase wosoeɛ na ɔsoro omununkum tuee nsuo.
יהוה בצאתך משעיר בצעדך משדה אדום ארץ רעשה גם שמים נטפו גם עבים נטפו מים
5 Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ. Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim.
הרים נזלו מפני יהוה זה סיני--מפני יהוה אלהי ישראל
6 “Anat ba Samgar ne Yael berɛ so, nnipa amfa akwantempɔn so, na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.
בימי שמגר בן ענת בימי יעל חדלו ארחות והלכי נתיבות--ילכו ארחות עקלקלות
7 Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.
חדלו פרזון בישראל חדלו-- עד שקמתי דבורה שקמתי אם בישראל
8 Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu!
יבחר אלהים חדשים אז לחם שערים מגן אם יראה ורמח בארבעים אלף בישראל
9 Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade!
לבי לחוקקי ישראל המתנדבים בעם ברכו יהוה
10 “Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie!
רכבי אתנות צחרות ישבי על מדין והלכי על דרך--שיחו
11 Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.
מקול מחצצים בין משאבים שם יתנו צדקות יהוה צדקת פרזונו בישראל אז ירדו לשערים עם יהוה
12 ‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’
עורי עורי דבורה עורי עורי דברי שיר קום ברק ושבה שביך בן אבינעם
13 “Nkaeɛfoɔ no bɔɔ nsra firi Tabor kɔɔ ahoɔdenfoɔ so. Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ akofoɔ ahoɔdenfoɔ so.
אז ירד שריד לאדירים עם יהוה ירד לי בגבורים
14 Wɔfiri Efraim baeɛ, asase a na kane no na ɛyɛ Amalekfoɔ dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra firii Makir; ɔsahene pomakurafoɔ firi Sebulon baeɛ.
מני אפרים שרשם בעמלק אחריך בנימין בעממיך מני מכיר ירדו מחקקים ומזבולן משכים בשבט ספר
15 Na Isakar mu atitire ka Debora ne Barak ho. Wɔdii Barak akyi, bɔ wuraa bɔnhwa no mu. Nanso, Ruben abusuakuo mu deɛ, wɔansi wɔn adwene pi.
ושרי ביששכר עם דברה ויששכר כן ברק בעמק שלח ברגליו בפלגות ראובן גדלים חקקי לב
16 Adɛn enti na wotenaa efie wɔ nnwanhwɛfoɔ mu, tie nnwanhwɛfoɔ a wɔde hwerɛma frɛ wɔn nnwan? Ruben abusuakuo mu, wɔansi wɔn adwene pi.
למה ישבת בין המשפתים לשמע שרקות עדרים לפלגות ראובן גדולים חקרי לב
17 Gilead kaa Yordan apueeɛ hɔ. Na Dan deɛ, adɛn enti na ɔtenaa fie? Aser tenaa mpoano a wanka ne ho, ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahodoɔ hɔ.
גלעד בעבר הירדן שכן ודן למה יגור אניות אשר ישב לחוף ימים ועל מפרציו ישכון
18 Nanso, Sebulon too ne nkwa akyerɛ sɛdeɛ Naftali yɛɛ wɔ akono no.
זבלון עם חרף נפשו למות-- ונפתלי על מרומי שדה
19 “Kanaan ahemfo koeɛ wɔ Taanak a ɛbɛn Megido nsutire ho, nanso, wɔannya asadeɛ biara ankɔ.
באו מלכים נלחמו אז נלחמו מלכי כנען בתענך על מי מגדו בצע כסף לא לקחו
20 Nsoromma firi soro koeɛ. Nsoromma nam wɔn kyenenee so ko tiaa Sisera.
מן שמים נלחמו הכוכבים ממסלותם נלחמו עם סיסרא
21 Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ, tete asuo, Kison. Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim!
נחל קישון גרפם נחל קדומים נחל קישון תדרכי נפשי עז
22 Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ.
אז הלמו עקבי סוס מדהרות דהרות אביריו
23 ‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no.
אורו מרוז אמר מלאך יהוה--ארו ארור ישביה כי לא באו לעזרת יהוה לעזרת יהוה בגבורים
24 “Nhyira nka Yael, Heber a ɔfiri Keni yere. Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa.
תברך מנשים--יעל אשת חבר הקיני מנשים באהל תברך
25 Sisera srɛɛ nsuo, na Yael maa no nufosuo; bonsua a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no.
מים שאל חלב נתנה בספל אדירים הקריבה חמאה
26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti. Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.
ידה ליתד תשלחנה וימינה להלמות עמלים והלמה סיסרא מחקה ראשו ומחצה וחלפה רקתו
27 Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase; ɔwuu wɔ ne nan ase.
בין רגליה כרע נפל שכב בין רגליה כרע נפל באשר כרע שם נפל שדוד
28 “Sisera nena hwɛɛ mpomma mu; ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan, ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi? Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’
בעד החלון נשקפה ותיבב אם סיסרא בעד האשנב מדוע בשש רכבו לבוא-- מדוע אחרו פעמי מרכבותיו
29 Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no, ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ:
חכמות שרותיה תענינה אף היא תשיב אמריה לה
30 ‘Wɔrekyɛ asadeɛ a wɔnyaeɛ no, ɔbarima biara nya ɔbaa baako anaa mmienu. Sisera bɛnya ntadeɛ a ɛyɛ fɛ na me nso menya ntadeɛ a ɛkura ahosuo ahodoɔ na wɔanwono mu fɛɛfɛ.’
הלא ימצאו יחלקו שלל רחם רחמתים לראש גבר-- שלל צבעים לסיסרא שלל צבעים רקמה צבע רקמתים לצוארי שלל
31 “Awurade, ma wʼatamfoɔ nyinaa nwu sɛ Sisera! Nanso, ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinaeɛ.” Afei, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan.
כן יאבדו כל אויביך יהוה ואהביו כצאת השמש בגברתו ותשקט הארץ ארבעים שנה

< Atemmufoɔ 5 >