< Atemmufoɔ 11 >

1 Gileadni Yefta yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne maame yɛ ɔbaa dwamanfoɔ.
A Jefte Gileadczyk był dzielnym wojownikiem, a był synem nierządnicy. Jeftego spłodził Gilead.
2 Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.”
[Ale] również żona Gileada urodziła mu synów; gdy więc synowie tej żony dorośli, wygnali Jeftego, mówiąc mu: Nie będziesz brał dziedzictwa w domu naszego ojca, gdyż jesteś synem obcej kobiety.
3 Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi.
Jefte uciekł więc przed swoimi braćmi i zamieszkał w ziemi Tob. Przyłączyli się do niego ludzie próżni i wyruszali z nim.
4 Ɛberɛ korɔ yi ara, Amonfoɔ de ɔko bɛkaa Israel.
Po pewnym czasie synowie Ammona walczyli z Izraelem.
5 Ɛberɛ a Amonfoɔ to hyɛɛ Israelfoɔ so, Gilead mpanimfoɔ soma kɔfaa Yefta firii Tob asase so baeɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ,
A gdy Ammonici zaczęli walczyć z Izraelem, starsi z Gileadu poszli sprowadzić Jeftego z ziemi Tob.
6 “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfoɔ nko.”
I powiedzieli mu: Chodź i bądź naszym dowódcą, a będziemy walczyć przeciwko synom Ammona.
7 Yefta bisaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ mo na motane me, pamoo me firii mʼagya fie no? Adɛn enti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”
Lecz Jefte odpowiedział starszym Gileadu: Czy wy nie znienawidziliście mnie i nie wygnaliście mnie z domu mego ojca? Dlaczego przyszliście do mnie teraz, gdy [znajdujecie się] w ucisku?
8 Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.”
Wtedy starsi Gileadu powiedzieli do Jeftego: Dlatego teraz zwracamy się do ciebie, abyś poszedł z nami i walczył przeciwko synom Ammona, i był naszym wodzem nad wszystkimi mieszkańcami Gileadu.
9 Yefta buaa sɛ, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma medi Amonfoɔ so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifoɔ anaa?”
I Jefte odpowiedział starszym z Gileadu: Jeśli sprowadzicie mnie, abym walczył przeciwko synom Ammona, a PAN mi ich wyda, czy będę waszym wodzem?
10 Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.”
I starsi Gileadu odpowiedzieli Jeftemu: PAN będzie świadkiem między nami, jeśli nie postąpimy według twego słowa.
11 Enti, Yefta ne ntuanofoɔ no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifoɔ ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.
Wtedy Jefte poszedł ze starszymi Gileadu i lud ustanowił go nad sobą dowódcą i wodzem. I Jefte powtórzył wszystkie te słowa przed PANEM w Mispie.
12 Afei, Yefta somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no deɛ enti a ɔrebɛto ahyɛ Israel so.
Potem Jefte wyprawił posłańców do króla synów Ammona, mówiąc: Co zaszło między mną a tobą, że wyruszyłeś przeciwko mnie, aby walczyć w mojej ziemi?
13 Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.”
Król synów Ammona odpowiedział posłańcom Jeftego: Ponieważ Izrael po wyjściu z Egiptu zajął moją ziemię od Arnonu aż do Jabbok i aż do Jordanu. Dlatego teraz zwróć mi ją pokojowo.
14 Na Yefta sane somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene hɔ sɛ,
Jefte po raz drugi wyprawił posłańców do króla synów Ammona.
15 “Sɛdeɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase anaa Amonfoɔ asase biara.
I powiedział mu: Tak mówi Jefte: Izrael nie zajął ziemi Moabu ani ziemi synów Ammona.
16 Ɛberɛ a Israelfoɔ tuu kwan firii Misraim, twaa Ɛpo Kɔkɔɔ na wɔduruu Kades no,
Lecz gdy Izrael wychodził z Egiptu przez pustynię aż do Morza Czerwonego i przyszedł do Kadesz;
17 wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn ɛkwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfoɔ tenaa Kades.
Wtedy Izrael wyprawił posłów do króla Edomu, [mówiąc]: Pozwól mi, proszę, przejść przez twoją ziemię. Lecz król Edomu nie pozwolił. Posłał także do króla Moabu, i [on] nie pozwolił. Izrael więc pozostał w Kadesz.
18 “Ne korakora ne sɛ, wɔnam ɛserɛ so twa faa Edom ne Moab ho hyiaeɛ. Wɔfaa Edom apueeɛ fam hyeɛ so kyeree sraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso, wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.
A gdy szedł przez pustynię, obszedł ziemię Edomu i ziemię Moabu i przyszedł od wschodniej strony ziemi Moabu, i rozbił obóz za Arnonem, lecz nie wszedł w granice Moabu, bo Arnon [jest] granicą Moabu.
19 “Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ.
Dlatego Izrael wyprawił posłańców do Sichona, króla Amorytów, króla w Cheszbonie, i Izrael powiedział mu: Pozwól nam, proszę, przejść przez twoją ziemię aż do mego miejsca.
20 Nanso, ɛsiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfoɔ mu gyidie enti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas maa wɔto hyɛɛ wɔn so.
Lecz Sichon nie dowierzał Izraelowi, że chce przejść przez jego granicę; przeciwnie, Sichon zebrał cały swój lud i rozbił obóz w Jahaza, i stoczył bitwę z Izraelem.
21 “Na Awurade, Israel Onyankopɔn, maa ne nkurɔfoɔ dii ɔhene Sihon so. Enti, Israelfoɔ faa Amorifoɔ asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu
PAN, Bóg Izraela, wydał zaś Sichona i cały jego lud w ręce Izraela, który ich pobił. Izrael wziął więc w posiadanie całą ziemię Amorytów, którzy w niej mieszkali.
22 firi Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, firi ɛserɛ no so de kɔsi Yordan nyinaa dii so.
Tak wziął w posiadanie wszystkie granice Amorytów: od Arnon aż do Jabbok i od pustyni aż do Jordanu.
23 “Enti, moahunu, ɛyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn na ɔgyee asase no firii Amorifoɔ nsam na ɔde maa Israel. Enti, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo?
Teraz więc PAN, Bóg Izraela, wypędził Amorytów przed swym ludem Izraelem, a ty chcesz ją posiąść?
24 Deɛ mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, deɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa.
Czyż nie weźmiesz w posiadanie tego, co daje ci posiąść Kemosz, twój bóg? Tak i my posiądziemy ziemię tego, kogo PAN, nasz Bóg, wygnał przed nami.
25 Mosene Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel twee asase bi so manso anaa? Ɔkɔɔ ɔko anaa? Dabi.
A teraz – czy jesteś lepszy od Balaka, syna Sippora, króla Moabu? Czy on się kiedyś spierał z Izraelem? Czy kiedyś z nim walczył?
26 Na afei, mfeɛ ahasa akyi, na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa ɛberɛ tenten yi, wɔatrɛ afiri Hesbon asase so, akɔsi Aroer ne nkuro no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn enti na dadaada yi moanyɛ mo adwene sɛ mobɛgye asase yi?
Oto przez trzysta lat Izrael mieszkał w Cheszbonie i w przyległych do niego wioskach, także w Aroerze i w przyległych do niego wioskach oraz we wszystkich miastach, które są przy granicy Arnonu. Dlaczego nie próbowaliście ich odzyskać przez ten czas?
27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”
Nie ja zawiniłem tobie, ale ty wyrządzasz mi zło, że walczysz ze mną. Niech PAN, który jest Sędzią, rozsądzi dziś między synami Izraela a synami Ammona.
28 Nanso, Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛmhia.
Lecz król synów Ammona nie posłuchał słów Jeftego, które mu przekazał.
29 Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom baa Yefta so ma ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na ɔdii akodɔm anim to hyɛɛ Amonfoɔ so.
Wtedy Duch PANA zstąpił na Jeftego, który przeszedł przez Gilead i Manassesa, przeszedł też przez Mispę w Gileadzie, a z Mispy w Gileadzie ciągnął przeciw synom Ammona.
30 Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woma medi Amonfoɔ so a,
Tam Jefte złożył PANU ślub, mówiąc: Jeśli naprawdę wydasz synów Ammona w moje ręce;
31 mede adeɛ a ɛbɛdi ɛkan afiri me fie abɛhyia me ɛberɛ a mede nkonimdie reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.”
Wtedy to, co wyjdzie z drzwi mego domu naprzeciw mnie, gdy wrócę w pokoju od synów Ammona, będzie należało do PANA albo ofiaruję to na całopalenie.
32 Ɛnna Yefta dii nʼakodɔm anim tiaa Amonfoɔ, na Awurade ma ɔdii nkonim.
Wyruszył więc Jefte przeciwko synom Ammona, by walczyć z nimi, a PAN wydał ich w jego ręce.
33 Ɔdii Amonfoɔ so pasaa, sɛee nkuro bɛyɛ aduonu, firii Aroer de kɔsii baabi a ɛbɛn Minit, kɔeɛ ara kɔsii Abel-Keramim. Saa ɛkwan yi na Israelfoɔ faa so kaa Amonfoɔ hyɛeɛ.
I zadał im wielką klęskę od Aroeru aż do wejścia do Menit – w dwudziestu miastach – i aż do równiny winnic. Tak synowie Ammona zostali poniżeni przed synami Izraela.
34 Ɛberɛ a Yefta firi akono kɔɔ ne fie wɔ Mispa no, ne babaa, a ɔyɛ ne ba korɔ no, tuu mmirika bɛhyiaa no a ɔrebɔ akasaeɛ, na anigyeɛ enti, ɔresa.
A gdy Jefte wracał do Mispy, do swego domu, oto jego córka wyszła mu naprzeciw, z bębnami i muzyką. A była ona jedynaczką, [bo] nie miał żadnego syna ani innej córki.
35 Yefta hunuu no no, ɔde awerɛhoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu, teaam sɛ, “Ao, me ba, mʼakoma rete! Ɛdeɛn ahometesɛm sɛ woaba, rebɛhyia me. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”
I gdy ją zobaczył, rozdarł swoje szaty i powiedział: Ach, moja córko, bardzo mnie zasmuciłaś! I jesteś z tych, którzy mnie zasmucają, bo złożyłem ślub PANU i nie mogę tego cofnąć.
36 Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim.
Ona mu odpowiedziała: Ojcze mój, jeśli złożyłeś ślub PANU, uczyń ze mną tak, jak wypowiedziały twoje usta; PAN bowiem dał ci pomstę na twoich wrogach, na synach Ammona.
37 Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma memforo mmepɔ nkɔkyinkyini so na me ne me nnamfonom nsu abosome mmienu, ɛfiri sɛ, mɛwu sɛ ababaawa a menhunuu ɔbarima da.”
Powiedziała też do swego ojca: Tylko uczyń dla mnie to jedno: wypuść mnie na dwa miesiące, bym mogła pójść i chodzić po górach, i opłakiwać moje dziewictwo, ja i moje towarzyszki.
38 Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma.
A [on] powiedział: Idź. I wypuścił ją na dwa miesiące. Poszła więc wraz ze swoimi towarzyszkami i opłakiwała swoje dziewictwo w górach.
39 Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da. Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel
A gdy minęły dwa miesiące, wróciła do swego ojca i wypełnił on na niej swój ślub, który złożył, a ona nie obcowała z mężczyzną. I weszło to w zwyczaj w Izraelu;
40 ama Israel mmaabunu sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akɔdi nna ɛnan na wɔakɔsu Yefta babaa no nkrabea.
[Że] każdego roku schodziły się córki Izraela, aby przez cztery dni w roku rozmawiać z córką Jeftego Gileadczyka.

< Atemmufoɔ 11 >