< Yosua 1 >

1 Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ,
Après la mort de Moïse, serviteur de Yahweh, Yahweh parla à Josué, fils de Nun, serviteur de Moïse, en ces termes:
2 “Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.
« Moïse, mon serviteur, est mort; maintenant lève-toi, passe ce Jourdain, toi et tout ce peuple, pour entrer dans le pays que je donne aux enfants d’Israël.
3 Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ.
Tout lieu que foulera la plante de votre pied, je vous l’ai donné, comme je l’ai dit à Moïse.
4 Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa.
Depuis le désert et depuis ce Liban jusqu’au grand fleuve, le fleuve d’Euphrate, — tout le pays des Hittites, — et jusqu’à la grande mer vers le soleil couchant, tout cela sera votre territoire.
5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da.
Nul ne tiendra devant toi pendant tous les jours de ta vie; comme j’ai été avec Moïse, je serai avec toi; je ne te délaisserai, ni ne t’abandonnerai.
6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
Fortifie-toi et prends courage; car c’est toi qui mettras ce peuple en possession du pays que j’ai juré à leurs pères de leur donner.
7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu.
Seulement fortifie-toi et aie bon courage, en t’appliquant à agir selon toute la loi que Moïse, mon serviteur, t’a prescrite. Ne t’en détourne ni à droite ni à gauche, afin que tu réussisses en tout ce que tu entreprendras.
8 Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.
Que ce livre de la loi ne s’éloigne pas de ta bouche; médite-le jour et nuit, en t’appliquant à agir selon tout ce qui y est écrit; car alors tu prospéreras dans tes voies et tu réussiras.
9 Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
Ne te l’ai-je pas commandé: Fortifie-toi et prends courage? Sois sans crainte et sans peur, car Yahweh, ton Dieu, est avec toi partout où tu iras. »
10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofoɔ no sɛ,
Josué donna cet ordre aux officiers du peuple:
11 “Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama mo no.”
« Parcourez le camp, et donnez au peuple ce commandement: Préparez-vous des provisions, car dans trois jours vous passerez ce Jourdain pour aller occuper le pays que Yahweh, votre Dieu, vous donne en possession. »
12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua no fa nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
Et aux Rubénites, aux Gadites et à la demi-tribu de Manassé, Josué parla ainsi:
13 “Monkae ahyɛdeɛ a Awurade ɔsomfoɔ Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Onyankopɔn, rema mo ahomeɛ na ɔde asase yi ama mo.’
« Rappelez-vous ce que vous a prescrit Moïse, serviteur de Yahweh, en disant: Yahweh, votre Dieu, vous a accordé du repos et vous a donné ce pays.
14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwie bɛtena Yordan apueeɛ fam ha. Nanso, mo akofoɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bɛdi mmusuakuo a aka no anim atware Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ
Vos femmes, vos petits enfants et vos troupeaux resteront dans le pays que Moïse vous a donné au delà du Jourdain; mais vous passerez en armes devant vos frères, vous tous, les hommes forts et vaillants; et vous les aiderez,
15 nkɔsi sɛ Awurade bɛma wɔn ahomeɛ sɛdeɛ wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bɛdi asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apueeɛ fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa mo no, bɛyɛ mo atenaeɛ.”
jusqu’à ce que Yahweh ait donné du repos à vos frères comme à vous, et qu’ils soient en possession, eux aussi, du pays que leur donne Yahweh, votre Dieu. Puis vous reviendrez au pays qui vous appartient et vous le posséderez, ce pays que Moïse, serviteur de Yahweh, vous a donné au delà du Jourdain, vers le soleil levant. »
16 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Deɛ woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ.
Ils répondirent à Josué, en disant: « Tout ce que tu nous as commandé, nous le ferons, et partout où tu nous enverras, nous irons.
17 Yɛbɛyɛ ɔsetie ama wo sɛdeɛ yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Onyankopɔn, nni wʼakyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no.
Comme nous avons obéi en toutes choses à Moïse, ainsi nous t’obéirons. Daigne seulement Yahweh, ton Dieu, être avec toi, comme il a été avec Moïse!
18 Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!”
Quiconque sera rebelle à tes ordres et n’obéira pas à tout ce que tu lui commanderas, sera mis à mort. Seulement, fortifie-toi et prends courage! »

< Yosua 1 >