< Yosua 2 >

1 Afei, Yosua somaa akwansrafoɔ baanu wɔ kɔkoam firii Israelfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titire ne deɛ atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu kɔduruu odwamanfoɔ bi a ne din de Rahab fie na wɔtenaa hɔ anadwo no.
וישלח יהושע בן נון מן השטים שנים אנשים מרגלים חרש לאמר לכו ראו את הארץ ואת יריחו וילכו ויבאו בית אשה זונה ושמה רחב--וישכבו שמה
2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”
ויאמר למלך יריחו לאמר הנה אנשים באו הנה הלילה מבני ישראל--לחפר את הארץ
3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafoɔ a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ato ahyɛ yɛn so.”
וישלח מלך יריחו אל רחב לאמר הוציאי האנשים הבאים אליך אשר באו לביתך--כי לחפר את כל הארץ באו
4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ.
ותקח האשה את שני האנשים ותצפנו ותאמר כן באו אלי האנשים ולא ידעתי מאין המה
5 Adeɛ reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apono mu no na wɔkɔeɛ, nso manhunu baabi a wɔfaeɛ. Sɛ moyɛ ntɛm ti wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.”
ויהי השער לסגור בחשך והאנשים יצאו--לא ידעתי אנה הלכו האנשים רדפו מהר אחריהם כי תשיגום
6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɛdan atifi, akɔhinta ɔkyɛnkyɛn a waboa ano akuakuo ase.)
והיא העלתם הגגה ותטמנם בפשתי העץ הערכות לה על הגג
7 Enti, ɔhene asomafoɔ no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafoɔ no wɔ ɛkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan atwareeɛ hɔ. Asomafoɔ no firii hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apono mu.
והאנשים רדפו אחריהם דרך הירדן על המעברות והשער סגרו--אחרי כאשר יצאו הרדפים אחריהם
8 Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ,
והמה טרם ישכבון והיא עלתה עליהם על הגג
9 “Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.
ותאמר אל האנשים--ידעתי כי נתן יהוה לכם את הארץ וכי נפלה אימתכם עלינו וכי נמגו כל ישבי הארץ מפניכם
10 Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no.
כי שמענו את אשר הוביש יהוה את מי ים סוף מפניכם בצאתכם ממצרים ואשר עשיתם לשני מלכי האמרי אשר בעבר הירדן לסיחן ולעוג--אשר החרמתם אותם
11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.
ונשמע וימס לבבנו ולא קמה עוד רוח באיש מפניכם כי יהוה אלהיכם--הוא אלהים בשמים ממעל ועל הארץ מתחת
12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ,
ועתה השבעו נא לי ביהוה כי עשיתי עמכם חסד ועשיתם גם אתם עם בית אבי חסד ונתתם לי אות אמת
13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me maame, me nuammarima ne nuammaa ne wɔn mʼabusuafoɔ nyinaa.”
והחיתם את אבי ואת אמי ואת אחי ואת אחותי (אחיותי) ואת כל אשר להם והצלתם את נפשתינו ממות
14 Mmarima no penee so kaa sɛ, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yɛbɛdi yɛn bɔhyɛ so.”
ויאמרו לה האנשים נפשנו תחתיכם למות אם לא תגידו את דברנו זה והיה בתת יהוה לנו את הארץ ועשינו עמך חסד ואמת
15 Esiane sɛ wɔsii Rahab fie sii kuro no ɔfasuo so enti, ɔde ahoma sianee wɔn faa mpomma mu ma wɔsii fam.
ותורדם בחבל בעד החלון כי ביתה בקיר החומה ובחומה היא יושבת
16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnwane mfa bepɔ so ɔman no so. Momfa mo ho nsie nnansa kɔsi sɛ atifoɔ no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsane wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
ותאמר להם ההרה לכו פן יפגעו בכם הרדפים ונחבתם שמה שלשת ימים עד שוב הרדפים ואחר תלכו לדרככם
17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban
ויאמרו אליה האנשים נקים אנחנו משבעתך הזה אשר השבעתנו
18 na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara.
הנה אנחנו באים בארץ את תקות חוט השני הזה תקשרי בחלון אשר הורדתנו בו ואת אביך ואת אמך ואת אחיך ואת כל בית אביך תאספי אליך הביתה
19 Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so.
והיה כל אשר יצא מדלתי ביתך החוצה דמו בראשו--ואנחנו נקים וכל אשר יהיה אתך בבית--דמו בראשנו אם יד תהיה בו
20 Na sɛ wodi yɛn hwammɔ deɛ a, ntam yi renkyekyere yɛn wɔ ɛkwan biara so.”
ואם תגידי את דברנו זה--והיינו נקים משבעתך אשר השבעתנו
21 Ɔbaa no buaa sɛ, “Mepene mo nhyehyɛeɛ no nyinaa so.” Ɔgyaa wɔn ɛkwan wɔ ɛberɛ a ahoma kɔkɔɔ no sɛne efie no mpomma no ano.
ותאמר כדבריכם כן הוא ותשלחם וילכו ותקשר את תקות השני בחלון
22 Akwansrafoɔ no kɔɔ bepɔ asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atifoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan no so baabiara, sane kɔɔ wɔn kurom a wɔanhunu akwansrafoɔ no wɔ baabiara.
וילכו ויבאו ההרה וישבו שם שלשת ימים עד שבו הרדפים ויבקשו הרדפים בכל הדרך ולא מצאו
23 Afei akwansrafoɔ baanu no siane firii bepɔ asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua.
וישבו שני האנשים וירדו מההר ויעברו ויבאו אל יהושע בן נון ויספרו לו--את כל המצאות אותם
24 Wɔkaa sɛ, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”
ויאמרו אל יהושע כי נתן יהוה בידנו את כל הארץ וגם נמגו כל ישבי הארץ מפנינו

< Yosua 2 >