< Yohane 5 >
1 Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem.
Після сього було сьвято Жидівське, і прийшов Ісус у Єрусалим.
2 Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia.
У Єрусалимі ж коло Овечих воріт є купіль, що зветь ся по єврейська Ветезда, з пятьма ходниками.
3 Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no.
В них лежало велике множество недужих, слїпих, кривих, сухих, що дожидали движення води.
4 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa.
Ангел бо певного часу спускавсь у купіль і збивав воду: хто ж первий улазив після збивання води, одужував, якою б нї мучив ся болестю.
5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe.
Був же там один чоловік, що трийцять і вісім років був у недузї.
6 Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”
Сього побачивши Ісус лежачого, й відаючи, що довгий уже час нездужає, рече йому: Хочеш одужати?
7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.”
Відповів Йому недужий: Господи, чоловіка не маю, щоб, як зібєть ся вода, вкинув мене в купіль; як же прийду я, инший поперед мене влазить.
8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.”
Рече йому Ісус: Устань, візьми постіль твою, та й ходи!
9 Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Na saa da no yɛ homeda.
зараз одужав чоловік, і взяв постїль свою, та й ходив; була ж субота того дня.
10 Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”
І казали Жиди сцїленому: Субота; не годить ся тобі брати постелї.
11 Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”
Відказав їм: Хто оздоровив мене, той мені сказав: Візьми постіль твою, та й ходи.
12 Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?”
Питали ж його: Що то за чоловік, що сказав тобі: Візьми постіль твою, та й ходи?
13 Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ.
Той же, що одужав, не знав, хто Він; бо Ісус відійшов геть, як народ був на місці тому.
14 Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.”
Опісля знаходить його Ісус у церкві, і рече йому: Оце одужав єси; не гріши більш, щоб гіршого тобі не стало ся.
15 Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.
Пійшов чоловік, та й сповістив Жидів, що се Ісус, що оздоровив його.
16 Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so.
За се гонили Ісуса Жиди й шукали Його вбити, що се зробив у суботу.
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.”
Ісус же відказав їм: Отець мій досї робить і я роблю.
18 Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.
За се ж ще більш шукали Його Жиди вбити, що не то ламле суботу, а ще й Отцем своїм зве Бога, рівним себе ставлячи Богу.
19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi.
Озвав ся ж Ісус і рече їм: Істино, істино глаголю вам: Не може Син нічого робити від себе, коли не бачить, що Отець те робить: що бо Той робить, те й Син так само робить.
20 Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo.
Отець бо любить Сина, і все показує Йому, що сам робить; і більші сих покаже Йому діла, щоб ви дивувались.
21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no.
Бо, як Отець воскрешає мертвих і оживлює, так і Син, кого хоче, оживлюе.
22 Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa,
Бо Отець і не судить нїкого, а суд увесь дав Синові,
23 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.
щоб усї шанували Сина, як шанують Отця. Хто не шанує Сина, не шанує Отця, що післав Його.
24 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. (aiōnios )
Істино, істино глаголю вам: Що, хто слухає слово моє і вірує Пославшому мене, має житте вічне, і на суд не прийде, а перейде від смерти в життє. (aiōnios )
25 Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa.
Істино, істино глаголю вам: Що прийде час, і нинї єсть, що мертві почують голос Сина Божого, й почувши оживуть.
26 Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ.
Бо, як Отець має життє в собі, так дав і Синові життє мати в собі,
27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.
і власть дав Йому і суд чинити; бо Він Син чоловічий.
28 “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne,
Не дивуйтесь сьому, бо прийде час, що в гробах почують голос Його,
29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.
і повиходять: которі добро робили, в воскресеннє життя, а которі зло робили, в воскресеннє суду.
30 Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ.
Не можу я робити від себе нїчого: як чую, суджу; і суд мій праведний; бо не шукаю волї моєї, а волї пославшого мене Отця.
31 “Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu.
Коли я сьвідкую про себе, сьвідченнє моє не правдиве.
32 Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ.
Инший єсть, хто сьвідкує про мене; і я знаю, що правдиве сьвідченнє, котре про мене сьвідкує.
33 “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ.
Ви посилали до Йоана, й сьвідкував правді.
34 Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa.
Я же не від чоловіка сьвідченнє приймаю, а глаголю се, щоб ви спаслись.
35 Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.
Той був сьвітильник горючий і сьвітючий; ви ж хотіли повеселитись на часину сьвітлом його.
36 “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane.
Я ж маю сьвідченнє більше Йоанового: дїла бо, що дав менї Отець, щоб їх скінчити, ті діла, що я роблю, сьвідкують про мене, що Отець мене післав.
37 Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ.
І пославший мене Отець сам сьвідкував про мене. Анї голосу Його не чули ви нїколи, анї виду Його не бачили;
38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni.
і слова Його не маєте пробуваючого в вас; бо кого післав Він, тому ви не віруєте.
39 Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! (aiōnios )
Прослідіть писання; бо ви думаєте в них життє вічне мати; й ті сьвідкують про мене. (aiōnios )
40 Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!
Та не хочете прийти до мене, щоб життє мати.
41 “Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam.
Чести від людей не приймаю.
42 Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ.
Та я спізнав вас, що любови Божої не маєте в собі.
43 Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no.
Я прийшов в імя Отця мого, і не приймаєте мене. Коли инший прийде в імя своє, того приймете.
44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?
Як ви можете вірувати, славу один од одного приймаючи, а славу що від одного Бога, не шукаєте?
45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no.
Не думайте, що я обвинувачу вас перед Отцем: є хто винуватить вас: Мойсей, що на него вповаєте.
46 Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ.
Коли б ви вірували Мойсейові, вірували б менї; бо про мене той писав.
47 Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”
Коли ж його писанням не віруєте, як моїм словам вірувати мете?