< Hiob 42 >

1 Na Hiob buaa Awurade sɛ,
Entonces Job respondió a Yahvé:
2 “Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa; obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ.
“Sé que todo lo puedes hacer, y que ningún propósito tuyo puede ser frenado.
3 Wobisa sɛ, ‘Hwan ni a ɔnni nimdeɛ nso ɔsi mʼafotuo ho ɛkwan?’ Ampa ara mekaa nneɛma a mente aseɛ ho nsɛm, nneɛma a ɛyɛ nwanwa ma me.
Preguntasteis: “¿Quién es ese que esconde el consejo sin conocimiento?”. por lo que he pronunciado lo que no entendía, cosas demasiado maravillosas para mí, que no conocía.
4 “Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa; mɛbisa wo nsɛm na ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’
Dijiste: “Escucha, ahora, y yo hablaré; Te interrogaré y tú me responderás’.
5 Mate wo nka pɛn, na seesei deɛ, mʼani ahunu wo.
Había oído hablar de ti por el oído, pero ahora mi ojo te ve.
6 Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
Por eso me aborrezco, y arrepentirse en polvo y ceniza”.
7 Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no.
Fue así que, después de que Yahvé hubo pronunciado estas palabras a Job, Yahvé dijo a Elifaz el temanita: “Mi ira se ha encendido contra ti y contra tus dos amigos, porque no habéis hablado de mí lo que es justo, como lo ha hecho mi siervo Job.
8 Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.”
Ahora, pues, tomad para vosotros siete toros y siete carneros, e id a mi siervo Job, y ofreced para vosotros un holocausto; y mi siervo Job rogará por vosotros, pues yo lo aceptaré, para que no os trate según vuestra insensatez. Porque no habéis hablado de mí lo que es justo, como mi siervo Job”.
9 Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.
Entonces Elifaz, el temanita, Bildad, el suhita, y Zofar, el naamatita, fueron e hicieron lo que Yahvé les ordenó, y Yahvé aceptó a Job.
10 Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.
Yahvé restauró la prosperidad de Job cuando éste oró por sus amigos. El Señor le dio a Job el doble de lo que tenía antes.
11 Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa.
Entonces todos sus hermanos, todas sus hermanas y todos los que antes lo conocían, vinieron a él y comieron con él en su casa. Lo consolaron, y lo consolaron por todo el mal que el Señor le había hecho pasar. Todos le dieron también una pieza de dinero, y todos un anillo de oro.
12 Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.
Así, el Señor bendijo el final de Job más que su principio. Tenía catorce mil ovejas, seis mil camellos, mil yuntas de bueyes y mil burras.
13 Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.
Tenía también siete hijos y tres hijas.
14 Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk.
A la primera la llamó Jemimah, a la segunda Keziah y a la tercera Keren Happuch.
15 Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuammarima no ho maa wɔn agyapadeɛ.
En toda la tierra no se encontraron mujeres tan hermosas como las hijas de Job. Su padre les dio una herencia entre sus hermanos.
16 Yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan; ɔhunuu ne mma ne ne mmanana awoɔ ntoatoasoɔ ɛnan.
Después de esto, Job vivió ciento cuarenta años, y vio a sus hijos, y a los hijos de sus hijos, hasta cuatro generaciones.
17 Afei ɔwuiɛ a na wayɛ akora pa ara.
Así murió Job, siendo viejo y lleno de días.

< Hiob 42 >