< Hiob 12 >

1 Na Hiob buaa sɛ,
And Job answered and said,
2 “Ampa ara mone nnipa no, na mowu a na nyansa asa!
No doubt but all of you are the people, and wisdom shall die with you.
3 Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara na monnsene me. Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa?
But I have understanding as well as you; I am not inferior to you: yea, who knows not such things as these?
4 “Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ. Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm.
I am as one mocked of his neighbour, who calls upon God, and he answers him: the just upright man is laughed to scorn.
5 Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaa sɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa.
He that is ready to slip with his feet is as a lamp despised in the thought of him that is at ease.
6 Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan, na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔ na Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban.
The tabernacles of robbers prosper, and they that provoke God are secure; into whose hand God brings abundantly.
7 “Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo
But ask now the beasts, and they shall teach you; and the fowls of the air, and they shall tell you:
8 anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.
Or speak to the earth, and it shall teach you: and the fishes of the sea shall declare unto you.
9 Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛ Awurade nsa na ayɛ yei.
Who knows not in all these that the hand of the LORD has wrought this?
10 Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ ne adasamma nyinaa ahome.
In whose hand is the soul of every living thing, and the breath of all mankind.
11 Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ, sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa?
Does not the ear try words? and the mouth taste his food?
12 Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn, na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa?
With the ancient is wisdom; and in length of days understanding.
13 “Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea; afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea.
With him is wisdom and strength, he has counsel and understanding.
14 Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi; deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no.
Behold, he breaks down, and it cannot be built again: he shuts up a man, and there can be no opening.
15 Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee; sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.
Behold, he withholds the waters, and they dry up: also he sends them out, and they overturn the earth.
16 Ahoɔden ne nkonimdie wɔ no osisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no.
With him is strength and wisdom: the deceived and the deceiver are his.
17 Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔ na ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea.
He leads counsellors away spoiled, and makes the judges fools.
18 Ɔworɔ ahemfo nkyehoma na ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene.
He looses the bond of kings, and girds their loins with a girdle.
19 Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma, na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu.
He leads princes away spoiled, and overthrows the mighty.
20 Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ, na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu.
He removes away the speech of the trusty, and takes away the understanding of the aged.
21 Ɔde animguaseɛ gu atitire so na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ.
He pours contempt upon princes, and weakens the strength of the mighty.
22 Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi na ɔde esum kabii ba hann mu.
He discovers deep things out of darkness, and brings out to light the shadow of death.
23 Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu.
He increases the nations, and destroys them: he enlarges the nations, and straitens them again.
24 Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam; na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so.
He takes away the heart of the chief of the people of the earth, and causes them to wander in a wilderness where there is no way.
25 Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.
They grope in the dark without light, and he makes them to stagger like a drunken man.

< Hiob 12 >