< Hiob 11 >

1 Na Naamani Sofar buaa sɛ,
拿瑪人瑣法回答說:
2 “Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa? Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa?
這許多的言語豈不該回答嗎? 多嘴多舌的人豈可稱為義嗎?
3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa? Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa?
你誇大的話豈能使人不作聲嗎? 你戲笑的時候豈沒有人叫你害羞嗎?
4 Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’
你說:我的道理純全; 我在你眼前潔淨。
5 Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo
惟願上帝說話; 願他開口攻擊你,
6 na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.
並將智慧的奧祕指示你; 他有諸般的智識。 所以當知道上帝追討你 比你罪孽該得的還少。
7 “Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?
你考察就能測透上帝嗎? 你豈能盡情測透全能者嗎?
8 Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu? (Sheol h7585)
他的智慧高於天,你還能做甚麼? 深於陰間,你還能知道甚麼? (Sheol h7585)
9 Ne nsusuiɛ mu ware sene asase na ɛtrɛ sene ɛpo.
其量比地長, 比海寬。
10 “Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?
他若經過,將人拘禁, 招人受審,誰能阻擋他呢?
11 Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso; na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa?
他本知道虛妄的人; 人的罪孽,他雖不留意,還是無所不見。
12 Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no.
空虛的人卻毫無知識; 人生在世好像野驢的駒子。
13 “Na sɛ wode wʼakoma ma no na wopagya wo nsa kyerɛ no,
你若將心安正, 又向主舉手;
14 sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a,
你手裏若有罪孽, 就當遠遠地除掉, 也不容非義住在你帳棚之中。
15 ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre; wobɛgyina pintinn a wonsuro.
那時,你必仰起臉來毫無斑點; 你也必堅固,無所懼怕。
16 Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere, na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ.
你必忘記你的苦楚, 就是想起也如流過去的水一樣。
17 Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ, na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann.
你在世的日子要比正午更明, 雖有黑暗仍像早晨。
18 Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu.
你因有指望就必穩固, 也必四圍巡查,坦然安息。
19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn.
你躺臥,無人驚嚇, 且有許多人向你求恩。
20 Amumuyɛfoɔ ani bɛfira, wɔrentumi nnwane; na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.”
但惡人的眼目必要失明。 他們無路可逃; 他們的指望就是氣絕。

< Hiob 11 >