< Yeremia 51 >

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monhwɛ, mɛkanyane ɔsɛefoɔ bi honhom atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
The LORD says: “Behold, I will raise up against Babylon, and against those who dwell in Lebkamai, a destroying wind.
2 Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babilonia sɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase; wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaa wɔ nʼamanehunu da no.
I will send to Babylon strangers, who will winnow her. They will empty her land; for in the day of trouble they will be against her all around.
3 Mma agyantoni mpoma nʼagyan, mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ. Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni; sɛe nʼakodɔm no pasaa.
Against him who bends, let the archer bend his bow, also against him who lifts himself up in his coat of mail. Don’t spare her young men! Utterly destroy all her army!
4 Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so.
They will fall down slain in the land of the Kasdim, and thrust through in her streets.
5 Na Asafo Onyankopɔn Awurade, nnyaa Israel ne Yuda hɔ. Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn.
For Israel is not forsaken, nor Judah, by his God, by the LORD of Hosts; though their land is full of guilt against the Holy One of Israel.
6 “Monnwane mfiri Babilonia! Montu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti. Awurade aweretɔberɛ aso; ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.
“Flee out of the middle of Babylon! Everyone save his own life! Don’t be cut off in her iniquity, for it is the time of the LORD’s vengeance. He will render to her a recompense.
7 Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa boroo nsã. Aman no nom ne nsã; ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam.
Babylon has been a golden cup in the LORD’s hand, who made all the earth drunk. The nations have drunk of her wine; therefore the nations have gone mad.
8 Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Montwa ne ho agyaadwoɔ! Mompɛ ne yea no ano aduro; ebia ne ho bɛtɔ no.
Babylon has suddenly fallen and been destroyed! Wail for her! Take balm for her pain. Perhaps she may be healed.
9 “‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ, nanso wɔntumi nsa no yadeɛ; momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro. Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’
“We would have healed Babylon, but she is not healed. Forsake her, and let’s each go into his own country; for her judgement reaches to heaven, and is lifted up even to the skies.
10 “‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’
‘The LORD has produced our righteousness. Come, and let’s declare in Zion the work of the LORD our God.’
11 “Monse agyan no ano! Momfa nkataboɔ no! Awurade ahwanyane Mede ahemfo no, ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were aweretɔ ama nʼasɔrefie no.
“Make the arrows sharp! Hold the shields firmly! The LORD has stirred up the spirit of the kings of the Medes, because his purpose is against Babylon, to destroy it; for it is the vengeance of the LORD, the vengeance of his temple.
12 Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no.
Set up a standard against the walls of Babylon! Make the watch strong! Set the watchmen, and prepare the ambushes; for the LORD has both purposed and done that which he spoke concerning the inhabitants of Babylon.
13 Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na akoradeɛ abu mo so, mo awieeɛ aba, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no.
You who dwell on many waters, abundant in treasures, your end has come, the measure of your covetousness.
14 Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ ose wɔ wo so.
The LORD of Hosts has sworn by himself, saying, ‘Surely I will fill you with men, as with locusts, and they will lift up a shout against you.’
15 “Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
“He has made the earth by his power. He has established the world by his wisdom. By his understanding he has stretched out the heavens.
16 Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.
When he utters his voice, there is a roar of waters in the heavens, and he causes the vapours to ascend from the ends of the earth. He makes lightning for the rain, and brings the wind out of his treasuries.
17 “Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.
“Every man has become stupid and without knowledge. Every goldsmith is disappointed by his image, for his molten images are falsehood, and there is no breath in them.
18 Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma; sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
They are vanity, a work of delusion. In the time of their visitation, they will perish.
19 Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ a nʼadedie abusuakuo ka ho bi. Asafo Awurade ne ne din.
The portion of Jacob is not like these, for he formed all things, including the tribe of his inheritance. The LORD of Hosts is his name.
20 “Woyɛ me ko asaeɛ, mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa; mede wo dwerɛ amanaman, mede wo sɛe ahennie bebree,
“You are my battle axe and weapons of war. With you I will break the nations into pieces. With you I will destroy kingdoms.
21 mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ, teaseɛnam ne wɔn kafoɔ,
With you I will break in pieces the horse and his rider.
22 mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa, mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu, mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,
With you I will break in pieces the chariot and him who rides therein. With you I will break in pieces man and woman. With you I will break in pieces the old man and the youth. With you I will break in pieces the young man and the virgin.
23 mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo, mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie, mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ.
With you I will break in pieces the shepherd and his flock. With you I will break in pieces the farmer and his yoke. With you I will break in pieces governors and deputies.
24 “Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.
“I will render to Babylon and to all the inhabitants of the Kasdim for all their evil that they have done in Zion in your sight,” says the LORD.
25 “Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.
“Behold, I am against you, destroying mountain,” says the LORD, “which destroys all the earth. I will stretch out my hand on you, roll you down from the rocks, and will make you a burnt mountain.
26 Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ anaa sɛ fapem mpo, ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.
They won’t take a cornerstone from you, nor a stone for foundations; but you will be desolate forever,” says the LORD.
27 “Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.
“Set up a standard in the land! Blow the shofar amongst the nations! Prepare the nations against her! Call together against her the kingdoms of Ararat, Minni, and Ashkenaz! Appoint a marshal against her! Cause the horses to come up as the swarming locusts!
28 Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.
Prepare against her the nations, the kings of the Medes, its governors, and all its deputies, and all the land of their dominion!
29 Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.
The land trembles and is in pain; for the purposes of the LORD against Babylon stand, to make the land of Babylon a desolation, without inhabitant.
30 Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban.
The mighty men of Babylon have stopped fighting, they remain in their strongholds. Their might has failed. They have become as women. Her dwelling places are set on fire. Her bars are broken.
31 Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no,
One runner will run to meet another, and one messenger to meet another, to show the king of Babylon that his city is taken on every quarter.
32 wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.”
So the passages are seized. They have burnt the reeds with fire. The men of war are frightened.”
33 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: “Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”
For the LORD of Hosts, the God of Israel says: “The daughter of Babylon is like a threshing floor at the time when it is trodden. Yet a little while, and the time of harvest comes for her.”
34 “Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu.
“Nebuchadnezzar the king of Babylon has devoured me. He has crushed me. He has made me an empty vessel. He has, like a monster, swallowed me up. He has filled his mouth with my delicacies. He has cast me out.
35 Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka.
May the violence done to me and to my flesh be on Babylon!” the inhabitant of Zion will say; and, “May my blood be on the inhabitants of Kasdim!” will Jerusalem say.
36 Enti yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe na mama ne asutene awewe.
Therefore the LORD says: “Behold, I will plead your cause, and take vengeance for you. I will dry up her sea, and make her fountain dry.
37 Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie, sakraman atu ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, baabi a obiara nteɛ.
Babylon will become heaps, a dwelling place for jackals, an astonishment, and a hissing, without inhabitant.
38 Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata, wɔpɔ so te sɛ agyata mma.
They will roar together like young lions. They will growl as lions’ cubs.
39 Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no mɛto ɛpono ama wɔn na mama wɔaboboro nsã sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie, na wɔadeda a wɔrennyane bio,” Awurade na ɔseɛ.
When they are inflamed, I will make their feast, and I will make them drunk, that they may rejoice, and sleep a perpetual sleep, and not wake up,” says the LORD.
40 “Mede wɔn bɛba te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn, te sɛ, nnwennini ne mpapo.
“I will bring them down like lambs to the slaughter, like rams with male goats.
41 “Wɔbɛfa Sesak, Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no! Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ amanaman no mu!
“How Sheshach is taken! How the praise of the whole earth is seized! How Babylon has become a desolation amongst the nations!
42 Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
The sea has come up on Babylon. She is covered with the multitude of its waves.
43 Ne nkuro bɛda mpan. Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo, asase a obiara nte soɔ, na obiara nntu ɛkwan mfa so.
Her cities have become a desolation, a dry land, and a desert, a land in which no man dwells. No son of man passes by it.
44 Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wape deɛ wamene agu. Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.
I will execute judgement on Bel in Babylon, and I will bring out of his mouth that which he has swallowed up. The nations will not flow any more to him. Yes, the wall of Babylon will fall.
45 “Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi! Montu mmirika mpere mo nkwa! Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.
“My people, go away from the middle of her, and each of you save yourselves from the LORD’s fierce anger.
46 Mommma mo bo ntu na monnsuro sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a; atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan, basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.
Don’t let your heart faint. Don’t fear for the news that will be heard in the land. For news will come one year, and after that in another year news will come, and violence in the land, ruler against ruler.
47 Na ampa ara ɛberɛ no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.
Therefore behold, the days come that I will execute judgement on the engraved images of Babylon; and her whole land will be confounded. All her slain will fall in the middle of her.
48 Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam abɛto ahyɛ ne so,” Awurade na ɔseɛ.
Then the heavens and the earth, and all that is therein, will sing for joy over Babylon; for the destroyers will come to her from the north,” says the LORD.
49 “Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti, sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase ɛsiane Babilonia enti no.
“As Babylon has caused the slain of Israel to fall, so the slain of all the land will fall at Babylon.
50 Mo a mo adwane afiri akofena ano, monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na monnwene Yerusalem ho.”
You who have escaped the sword, go! Don’t stand still! Remember the LORD from afar, and let Jerusalem come into your mind.”
51 “Wɔagu yɛn anim ase, ɛfiri sɛ wasopa yɛn na fɛreɛ akata yɛn anim, ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”
“We are confounded because we have heard reproach. Confusion has covered our faces, for strangers have come into the sanctuaries of the LORD’s house.”
52 “Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafoɔ bɛsi apinie.
“Therefore behold, the days come,” says the LORD, “that I will execute judgement on her engraved images; and through all her land the wounded will groan.
53 Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo, na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,” Awurade na ɔseɛ.
Though Babylon should mount up to the sky, and though she should fortify the height of her strength, yet destroyers will come to her from me,” says the LORD.
54 “Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia, ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ firi Babiloniafoɔ asase so.
“The sound of a cry comes from Babylon, and of great destruction from the land of the Kasdim!
55 Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae. Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so; wɔn mmobom bɛgyegye.
For the LORD lays Babylon waste, and destroys out of her the great voice! Their waves roar like many waters. The noise of their voice is uttered.
56 Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia; wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum na wɔbɛbubu wɔn tadua mu. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.
For the destroyer has come on her, even on Babylon. Her mighty men are taken. Their bows are broken in pieces, for the LORD is a God of retribution. He will surely repay.
57 Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã, nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,” sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ.
I will make her princes, her wise men, her governors, her deputies, and her mighty men drunk. They will sleep a perpetual sleep, and not wake up,” says the King, whose name is the LORD of Hosts.
58 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya; nnipa no ha wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”
The LORD of Hosts says: “The wide walls of Babylon will be utterly overthrown. Her high gates will be burnt with fire. The peoples will labour for vanity, and the nations for the fire; and they will be weary.”
59 Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu.
The word which Jeremiah the prophet commanded Seraiah the son of Neriah, the son of Mahseiah, when he went with Zedekiah the king of Judah to Babylon in the fourth year of his reign. Now Seraiah was chief quartermaster.
60 Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa.
Jeremiah wrote in a book all the evil that should come on Babylon, even all these words that are written concerning Babylon.
61 Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte.
Jeremiah said to Seraiah, “When you come to Babylon, then see that you read all these words,
62 Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’
and say, ‘LORD, you have spoken concerning this place, to cut it off, that no one will dwell in it, neither man nor animal, but that it will be desolate forever.’
63 Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu.
It will be, when you have finished reading this book, that you shall bind a stone to it, and cast it into the middle of the Euphrates.
64 Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’” Yeremia nsɛm no awieeɛ nie.
Then you shall say, ‘Thus will Babylon sink, and will not rise again because of the evil that I will bring on her; and they will be weary.’” Thus far are the words of Jeremiah.

< Yeremia 51 >