< Yeremia 49 >

1 Deɛ ɛfa Amonfoɔ ho no nie: Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Israel nni mmammarima anaa? Ɔnni wɔn a wɔbɛdi nʼadeɛ? Ɛnneɛ adɛn enti na Molek afa Gad ayɛ ne dea yi? Adɛn enti na ne nkurɔfoɔ tete ne nkuro mu?
לבני עמון כה אמר יהוה הבנים אין לישראל אם יורש אין לו--מדוע ירש מלכם את גד ועמו בעריו ישב
2 Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mɛbobom de afrɛ ɔko atia Raba a ɛwɔ Amonfoɔ; ɛbɛyɛ nkunkumaboɔ sie, wɔbɛto nkuraaseɛ a atwa ne ho ahyia no mu ogya. Na Israel bɛpamo wɔn a wɔpamoo noɔ no,” sei na Awurade seɛ.
לכן הנה ימים באים נאם יהוה והשמעתי אל רבת בני עמון תרועת מלחמה והיתה לתל שממה ובנתיה באש תצתנה וירש ישראל את ירשיו אמר יהוה
3 “Twa adwo Ao, Hesbon, ɛfiri sɛ, wɔasɛe Ai! Monteam Ao, mo a mowɔ Raba! Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ; mommɔ nnyenyen wɔ afasuo no mu, ɛfiri sɛ Molek bɛkɔ nnommumfa mu, ɔne nʼasɔfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ.
הילילי חשבון כי שדדה עי צעקנה בנות רבה--חגרנה שקים ספדנה והתשוטטנה בגדרות כי מלכם בגולה ילך כהניו ושריו יחדיו
4 Adɛn enti na wode wo bɔnhwa ahodoɔ hoahoa wo ho? Sɛdeɛ ɛso aba bebree enti anaa? Ao ɔbabaa a ɔnni nokorɛ, wode wo ho to wʼahonya so na woka sɛ, ‘Hwan na ɔbɛto ahyɛ me so?’
מה תתהללי בעמקים--זב עמקך הבת השובבה הבטחה באצרתיה מי יבוא אלי
5 Mede ehu bɛba wo so; ɛbɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ɔseɛ, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfoɔ ano.
הנני מביא עליך פחד נאם אדני יהוה צבאות--מכל סביביך ונדחתם איש לפניו ואין מקבץ לנדד
6 “Nanso, akyire no, mɛsane de Amonfoɔ adenya ama wɔn,” sei na Awurade seɛ.
ואחרי כן אשיב את שבות בני עמון--נאם יהוה
7 Deɛ ɛfa Edom ho no nie: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Nyansa nni Teman bio anaa? Afutuo ayera wɔ anyansafoɔ mu anaa? Wɔn nyansa no aporɔ anaa?
לאדום כה אמר יהוה צבאות האין עוד חכמה בתימן אבדה עצה מבנים נסרחה חכמתם
8 Monnane mo ho na monnwane monkɔtetɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Dedan, ɛfiri sɛ, mede amanehunu bɛba Esau so wɔ ɛberɛ a mɛtwe nʼaso no.
נסו הפנו העמיקו לשבת ישבי דדן כי איד עשו הבאתי עליו עת פקדתיו
9 Sɛ wɔn a wɔtete bobe no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra? Sɛ akorɔmfoɔ baa ɔdasuo mu a, anka wɔrenwia deɛ wɔpɛ nko ara?
אם בצרים באו לך לא ישארו עוללות אם גנבים בלילה השחיתו דים
10 Na mɛma Esau ada adagya. Mɛda ne hintabea ahodoɔ adi, sɛdeɛ ɔrentumi mfa ne ho nsuma. Ne mma, nʼabusuafoɔ ne ne mfɛfoɔ bɛwuwu, na wɔrenhunu no bio.
כי אני חשפתי את עשו גליתי את מסתריו ונחבה לא יוכל שדד זרעו ואחיו ושכניו ואיננו
11 ‘Monnya mo nwisiaa, na mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafoɔ nso bɛtumi de wɔn ho ato me so.’”
עזבה יתמיך אני אחיה ואלמנותיך עלי תבטחו
12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛ wɔtwe wɔn a wɔmfata sɛ wɔtwe wɔn aso mpo a, ɛnneɛ adɛn enti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso!
כי כה אמר יהוה הנה אשר אין משפטם לשתות הכוס שתו ישתו ואתה הוא נקה תנקה לא תנקה כי שתה תשתה
13 Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiredeɛ, ahohoradeɛ ne nnomedeɛ; na ne nkuro nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ.
כי בי נשבעתי נאם יהוה כי לשמה לחרפה לחרב ולקללה תהיה בצרה וכל עריה תהיינה לחרבות עולם
14 Mate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no sɛ, “Mommoaboa mo ho ano nkɔto nhyɛ ne so! Monsɔre nkɔ ɔko!”
שמועה שמעתי מאת יהוה וציר בגוים שלוח התקבצו ובאו עליה וקומו למלחמה
15 “Na mɛyɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔabu wo animtia.
כי הנה קטן נתתיך בגוים--בזוי באדם
16 Ehu a wobɔ nkurɔfoɔ akoma mu no adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuro mu, na wote kokoɔ no sorɔnsorɔmmea. Ɛwom sɛ woyɛ wo pirebuo wɔ soro tɛ sɛ ɔkɔdeɛ deɛ, nanso ɛhɔ na mɛfiri de wo aba fam,” Awurade na ɔseɛ.
תפלצתך השיא אתך זדון לבך שכני בחגוי הסלע תפשי מרום גבעה כי תגביה כנשר קנך משם אורידך נאם יהוה
17 “Edom bɛyɛ ahodwiredeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
והיתה אדום לשמה כל עבר עליה ישם וישרק על כל מכותה
18 Sɛdeɛ wɔdanee Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
כמהפכת סדם ועמרה ושכניה--אמר יהוה לא ישב שם איש ולא יגור בה בן אדם
19 “Sɛdeɛ gyata firi Yordan nkyɛkyerɛ mu kɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
הנה כאריה יעלה מגאון הירדן אל נוה איתן--כי ארגיעה אריצנו מעליה ומי בחור אליה אפקד כי מי כמוני ומי יעידני ומי זה רעה אשר יעמד לפני
20 Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Edom, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti wɔbɛsɛe adidibea no koraa.
לכן שמעו עצת יהוה אשר יעץ אל אדום ומחשבותיו אשר חשב אל ישבי תימן אם לוא יסחבום צעירי הצאן אם לא ישים עליהם נוהם
21 Wɔn asehweɛ nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; wɔn nteateam bɛgyegye akɔduru Ɛpo Kɔkɔɔ ho.
מקול נפלם רעשה הארץ צעקה בים סוף נשמע קולה
22 Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ bi bɛtu akɔ soro na wato hoo aba fam a watrɛtrɛ ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so.
הנה כנשר יעלה וידאה ויפרש כנפיו על בצרה והיה לב גבורי אדום ביום ההוא כלב אשה מצרה
23 Deɛ ɛfa Damasko ho no nie: “Hamat ne Arpad aba mu abu, ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn akoma aboto te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ.
לדמשק בושה חמת וארפד--כי שמעה רעה שמעו נמגו בים דאגה השקט לא יוכל
24 Damasko ayɛ mmerɛ, wayɛ sɛ ɔrebɛdwane; wabɔ huboa; ahoyera ne ɔyea akyekyere no, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem wɔ awoɔ so deɛ.
רפתה דמשק הפנתה לנוס ורטט החזיקה צרה וחבלים אחזתה כיולדה
25 Adɛn enti na wɔnnyaa kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kuro a mʼani gye muo?
איך לא עזבה עיר תהלה (תהלת)--קרית משושי
26 Ampa ara ne mmeranteɛ bɛhwehwe ase wɔ mmɔntene so; wɔbɛma nʼasraafoɔ nyinaa aka wɔn ano atom saa ɛda no,” sɛi na Asafo Awurade seɛ.
לכן יפלו בחוריה ברחבתיה וכל אנשי המלחמה ידמו ביום ההוא נאם יהוה צבאות
27 “Mede ogya bɛto Damasko afasuo mu; na ɛbɛhye Ben-Hadad aban.”
והצתי אש בחומת דמשק ואכלה ארמנות בן הדד
28 Deɛ ɛfa Kedar ne Hasor ahennie a Babiloniahene Nebukadnessar to hyɛɛ soɔ no nie. Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɔre na kɔto hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apueeɛ fam no.
לקדר ולממלכות חצור אשר הכה נבוכדראצור (נבוכדראצר) מלך בבל--כה אמר יהוה קומו עלו אל קדר ושדדו את בני קדם
29 Wɔbɛfa wɔn ntomadan ne wɔn nnwankuo; wɔbɛfa wɔn nkatasoɔ, ne wɔn ho nneɛma ne nyoma akɔ. Nnipa bɛteateam sɛ, ‘Ehu wɔ baabiara!’
אהליהם וצאנם יקחו יריעותיהם וכל כליהם וגמליהם ישאו להם וקראו עליהם מגור מסביב
30 “Monnwane nkɔ ntɛm ntɛm! Monhyehyɛ abodan a emu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ɔseɛ. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo tiri so; wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo.
נסו נדו מאד העמיקו לשבת ישבי חצור--נאם יהוה כי יעץ עליכם נבוכדראצר מלך בבל עצה וחשב עליהם (עליכם) מחשבה
31 “Sɔre kɔto hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotosoɔ mu,” Awurade na ɔseɛ, “ɔman a wɔnni apono anaa akwansideɛ, na emu nnipa nko ara na wɔte hɔ.
קומו עלו אל גוי שליו יושב לבטח--נאם יהוה לא דלתים ולא בריח לו בדד ישכנו
32 Wɔn mfunumu bɛyɛ afodeɛ, na wɔn anantwikuo akɛseɛ no bɛyɛ asadeɛ. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu bɛfiri afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ.
והיו גמליהם לבז והמון מקניהם לשלל וזרתים לכל רוח קצוצי פאה ומכל עבריו אביא את אידם נאם יהוה
33 “Hasor bɛdane sakraman atuo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.”
והיתה חצור למעון תנים שממה--עד עולם לא ישב שם איש ולא יגור בה בן אדם
34 Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedie mfitiaseɛ:
אשר היה דבר יהוה אל ירמיהו הנביא אל עילם בראשית מלכות צדקיה מלך יהודה--לאמר
35 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛbubu Elam agyan mu, deɛ wɔn ahoɔden gyina soɔ no.
כה אמר יהוה צבאות הנני שבר את קשת עילם ראשית גבורתם
36 Mede mframa ɛnan no bɛba Elam so afiri ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa ɛnan no mu, na Elam atukɔfoɔ akɔ ɔman biara so.
והבאתי אל עילם ארבע רוחות מארבע קצות השמים וזרתים לכל הרחות האלה ולא יהיה הגוי אשר לא יבוא שם נדחי עולם (עילם)
37 Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim, wɔ wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim; mede amanehunu bɛba wɔn so mpo mʼabufuhyeɛ no,” Awurade na ɔseɛ. “Mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛwie wɔn korakora.
והחתתי את עילם לפני איביהם ולפני מבקשי נפשם והבאתי עליהם רעה את חרון אפי--נאם יהוה ושלחתי אחריהם את החרב עד כלותי אותם
38 Mɛsi mʼahennwa wɔ Elam na masɛe ne ɔhene ne nʼadwumayɛfoɔ,” Awurade na ɔseɛ.
ושמתי כסאי בעילם והאבדתי משם מלך ושרים נאם יהוה
39 “Nanso, mɛsane de Elam adenya ama no nna a ɛreba no mu,” Awurade na ɔseɛ.
והיה באחרית הימים אשוב (אשיב) את שבית (שבות) עילם--נאם יהוה

< Yeremia 49 >