< Yeremia 36 >

1 Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ,
And it came to pass in the fourth year of Jehoyakim the son of Josiah the king of Judah, that this word came unto Jeremiah from the Lord, saying,
2 “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so.
Take thee a roll-book, and write therein all the words that I have spoken unto thee against Israel, and against Judah, and against all the nations, from the day that I spoke unto thee, from the days of Josiah, even until this day.
3 Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
Peradventure it be that the house of Judah will hear all the evil which I purpose to do unto them: in order that they may return every man from his evil way; that I may forgive their iniquity and their sin.
4 Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.
Then did Jeremiah call Baruch the son of Neriyah: and Baruch wrote from the mouth of Jeremiah all the words of the Lord, which he had spoken unto him, upon a roll-book.
5 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.
And Jeremiah commanded Baruch, saying, I am shut up; I am not able to enter into the house of the Lord:
6 Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no.
Therefore go thou, and read in the roll, which thou hast written from my mouth, the words of the Lord before the ears of the people in the house of the Lord on the fast-day; and also before the ears of all Judah that come out of their cities shalt thou read them.
7 Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.”
Perhaps it may be that they will humbly present their supplication before the Lord, and will return every one from his evil way; for great are the anger and the fury that the Lord hath decreed against this people.
8 Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ Awurade asɔredan no mu.
And Baruch the son of Neriyah did in accordance with all that Jeremiah the prophet had commanded him, to read in the book the words of the Lord in the house of the Lord.
9 Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no.
And it came to pass in the fifth year of Jehoyakim the son of Josiah the king of Judah, in the ninth month, that they proclaimed a fast before the Lord for all the people in Jerusalem, and for all the people that came from the cities of Judah unto Jerusalem.
10 Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu.
And Baruch read in the book the words of Jeremiah in the house of the Lord, in the chamber of Gemaryahu the son of Shaphan the scribe, in the upper court, at the entrance of the new gate of the Lord's house, before the ears of all the people.
11 Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no,
And when Michayhu the son of Gemaryahu, the son of Shaphan, had heard all the words of the Lord out of the book:
12 ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ.
He went down into the king's house, into the scribe's chamber; and, lo, all the princes were sitting there, even Elishama' the scribe, and Delayahu the son of Shema'yahu, and Elnathan the son of 'Achbor, and Gemaryahu the son of Shaphan, and Zedekiah the son of Chananyahu, and all the princes.
13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi,
And Michayhu told unto them all the words which he had heard, when Baruch read in the book before the ears of the people.
14 adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no.
Thereupon sent all the princes Jehudi the son of Nethanyahu, the son of Shelemyahu, the son of Cushi, unto Baruch, saying, The roll wherein thou hast read before the ears of the people, —this take in thy hand, and come. So Baruch the son of Neriyahu took the roll in his hand, and came unto them.
15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
And they said unto him, Sit down, we pray thee, and read it before our ears. So Baruch read it before their ears.
16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.”
Now it came to pass, when they heard all the words, they looked terrified at each other, and they said unto Baruch, We will surely tell the king of all these words.
17 Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?”
And they asked Baruch, saying, Do tell us, How didst thou write down all these words from his mouth?
18 Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.”
Then said Baruch unto them, With his mouth did he utter clearly all these words unto me, and I wrote them in the book with ink.
19 Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.”
Then said the princes unto Baruch, Go, hide thyself, thou with Jeremiah; and let no man know where ye are.
20 Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.
And they went in to the king into the court, but the roll they had put in safe keeping in the chamber of Elishama' the scribe; and they told before the ears of the king all the words.
21 Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa.
But the king sent Jehudi to fetch the roll; and he took it out of the chamber of Elishama' the scribe. And Jehudi read it before the ears of the king, and before the ears of all the princes who stood around the king.
22 Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim.
Now the king was sitting in the winter-house in the ninth month: and a pan of coals was burning before him.
23 Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ.
And it came to pass, when Jehudi had read three or four pages, that he cut it with the writer's knife, and cast it into the fire that was in the coal-pan, until all the roll was consumed in the fire that was in the coal-pan.
24 Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso.
Yet they were not terrified, nor did they rend their garments, either the king, or any of his servants that had heard all these words.
25 Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.
And although Elnathan and Delayahu and Gemaryahu had also made intercession with the king that he might not burn the roll, he would not listen to them.
26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na Awurade de wɔn asie.
And the king commanded Yerachmeel the son of the king, and Serayahu the son of 'Azriel, and Shelemyahu the son of 'Abdeel, to seize on Baruch the scribe and Jeremiah the prophet; but the Lord hid them.
27 Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
Then came the word of the Lord to Jeremiah, after the king had burnt the roll, and the words which Baruch had written down from the mouth of Jeremiah, saying,
28 “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu.
Take thee again another roll, and write on it all the former words that have been on the first roll, which Jehoyakim the king of Judah hath burnt.
29 Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?”
And concerning Jehoyakim the king of Judah shalt thou say, Thus hath said the Lord, Thou hast indeed burnt this roll, saying, Why hast thou written therein, saying, The king of Babylon shall certainly come and destroy this land, and shall cause to cease therefrom man and beast!
30 Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu.
Therefore thus hath said the Lord concerning Jehoyakim the king of Judah, He shall have no one to sit upon the throne of David; and his dead body shall be cast out to the heat in the day, and to the cold in the night.
31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’”
And I will visit on him and on his seed and on his servants their iniquity; and I will bring over them, and over the inhabitants of Jerusalem, and against the men of Judah, all the evil that I have spoken against them, while they did not hearken.
32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.
And Jeremiah took another roll, and gave it to Baruch the son of Neriyahu the scribe; who wrote thereon from the mouth of Jeremiah all the words of the book which Jehoyakim the king of Judah had burnt in the fire: and there were yet added unto them many words like them.

< Yeremia 36 >