< Yeremia 32 >

1 Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe.
This is the word that came to Jeremiah from Yahweh in the tenth year of Zedekiah king of Judah, the eighteenth year of Nebuchadnezzar.
2 Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie.
At that time, the army of the king of Babylon was besieging Jerusalem, and Jeremiah the prophet was imprisoned in the courtyard of the guard at the house of the king of Judah.
3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no sɛ adɛn enti na wohyɛ nkɔm sɛ, “Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum.
Zedekiah king of Judah had imprisoned him and said, “Why do you prophesy and say, 'Yahweh says this: Look, I am about to give over this city into the hand of the king of Babylon, and he will capture it.
4 Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no.
Zedekiah king of Judah will not escape from the hand of the Chaldeans, for he will certainly be given into the hand of the king of Babylon. His mouth will speak to the king's mouth, and his eyes will see the king's eyes.
5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’”
He will take Zekediah to Babylon, and he will remain there until I have dealt with him—this is Yahweh's declaration. Though you fight against the Chaldeans, you will not succeed.'”
6 Yeremia kaa sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Jeremiah said, “The word of Yahweh came to me, saying,
7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’
'Look, Hanamel son of Shallum your uncle is coming to you and will say, “Buy my field that is in Anathoth for yourself, for the right to buy it belongs to you.”'”
8 “Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’ “Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.”
Then, as Yahweh had declared, Hanamel, the son of my uncle, came to me in the courtyard of the guard, and he said to me, “Buy my field that is in Anathoth in the land of Benjamin, for the right of inheritance is yours, and the right to buy it belongs to you. Buy it for yourself.” Then I knew that this was Yahweh's word.
9 Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan maa no.
So I bought the field in Anathoth from Hanamel, the son of my uncle, and I weighed out for him the silver, seventeen shekels in weight.
10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no.
Then I wrote in a scroll and sealed it, and had witnesses witness it. Then I weighed the silver in the scales.
11 Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso,
Next I took the deed of purchase that was sealed, following the command and the statutes, as well as the unsealed deed.
12 na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim.
I gave the sealed scroll to Baruch son of Neriah son of Mahseiah in front of Hanamel, the son of my uncle, and the witnesses who had written in the sealed scroll, and in front of all the Judeans who sat in the courtyard of the guard.
13 “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ,
So I gave a command to Baruch before them. I said,
14 ‘Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie.
“Yahweh of hosts, God of Israel, says this: Take these documents, both this receipt of purchase that is sealed and the unsealed copies of the deed of purchase, and put them in a clay jar so they will last for a long time.
15 Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
For Yahweh of hosts, God of Israel, says this: Houses, fields, and vineyards will again be bought in this land.”
16 “Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,
After I gave the receipt of purchase to Baruch son of Neriah, I prayed to Yahweh and said,
17 “Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo.
“Woe, Lord Yahweh! Look! You alone have made the heavens and the earth by your great strength and with your raised arm. Nothing you say is too difficult for you to do.
18 Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade,
You show covenant faithfulness to thousands and pour the guilt of men into the laps of their children after them. You are the great and mighty God; Yahweh of hosts is your name.
19 wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ yɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ.
You are great in wisdom and mighty in deeds, for your eyes are open to all the ways of people, to give to each man what his conduct and deeds deserve.
20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ.
You did signs and wonders in the land of Egypt. To this present day here in Israel and among all mankind, you have made your name famous.
21 Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim.
For you brought your people Israel out from the land of Egypt with signs and wonders, with a strong hand, with a raised arm, and with great terror.
22 Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so.
Then you gave them this land—which you had sworn to their ancestors to give to them—a land flowing with milk and honey.
23 Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
So they entered and took possession of it. But they did not obey your voice or live in obedience to your law. They did nothing of what you had commanded them to do, so you brought all this disaster on them.
24 “Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no.
Look! The siege mounds have reached up to the city to capture it. For because of sword, famine, and plague, the city has been given into the hand of the Chaldeans who are fighting against it. For what you have said would happen is happening, and see, you are watching.
25 Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’”
Then you yourself said to me, “Purchase a field for yourself with silver and have witnesses witness it, even though this city is being given into the hand of the Chaldeans.”
26 Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
The word of Yahweh came to Jeremiah, saying,
27 “Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?
“Look! I am Yahweh, God of all mankind. Is anything too difficult for me to do?
28 Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa.
Therefore Yahweh says this, 'See, I am about to give this city into the hand of the Chaldeans and Nebuchadnezzar, king of Babylon. He will capture it.
29 Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo.
The Chaldeans who are fighting against this city will come and set fire to this city and burn it, along with the houses on the roofs of which the people worshiped Baal and poured out drink offerings to other gods in order to provoke me.
30 “Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, Awurade na ɔseɛ.
For the people of Israel and Judah have certainly been people who have been doing evil before my eyes since their youth. The people of Israel have certainly offended me with the practices of their hands—this is Yahweh's declaration.
31 Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so.
Yahweh declares that this city has been a provocation of my wrath and fury since the day that they built it. It has been that right up to this present day. So I will remove it from before my face
32 Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem.
because of all the wickedness of the people of Israel and Judah, the things that they have done to provoke me—they, their kings, princes, priests, prophets, and every person in Judah and inhabitant of Jerusalem.
33 Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ.
They turned their backs to me instead of their faces, though I had eagerly taught them. I tried to teach them, but not one of them listened in order to receive correction.
34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi.
They set up their abominable idols in the house that is called by my name, to defile it.
35 Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
They built high places for Baal in the Valley of Ben Hinnom in order to put their sons and daughters in the fire for Molech. I did not command them. It never entered my mind that they should do this detestable thing and so cause Judah to sin.'
36 “Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
So now therefore, I, Yahweh, the God of Israel, say this concerning this city, the city about which you are saying, 'It is given into the hand of the king of Babylon by sword, famine, and plague.'
37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu.
See, I am about to gather them from every land where I had driven them in my wrath, fury, and great anger. I am about to bring them back to this place and enable them to live in security.
38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
Then they will be my people, and I will be their God.
39 Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti.
I will give them one heart and one way to honor me every day so it will be good for them and their descendants after them.
40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da.
Then I will make with them an everlasting covenant, that I will not turn away from doing good to them. I will set honor for me in their hearts, so that they will never turn away from me.
41 Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so.
Then I will rejoice in doing good to them. I will faithfully plant them in this land with all my heart and all my life.
42 “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn.
For Yahweh says this, 'Just as I have brought all this great disaster on this people, so I will bring on them all the good things that I have said I would do for them.
43 Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’
Then fields will be bought in this land, about which you are saying, “This is a ruined land, which has neither man nor beast. It has been given into the hand of the Chaldeans.”
44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”
They will buy fields with silver and write in sealed scrolls. They will assemble witnesses in the land of Benjamin, all around Jerusalem and the cities of Judah, in the cities in the hill country and in the lowlands, and in the cities of the Negev. For I will bring back their fortunes—this is Yahweh's declaration.'”

< Yeremia 32 >