< Yesaia 60 >
1 “Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade animuonyam apue wo so.
Arise, shine, for your light has come, and the glory of the LORD rises upon you.
2 Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so.
For behold, darkness covers the earth, and thick darkness is over the peoples; but the LORD will rise upon you, and His glory will appear over you.
3 Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo.
Nations will come to your light, and kings to the brightness of your dawn.
4 “Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.
Lift up your eyes and look around: They all gather and come to you; your sons will come from afar, and your daughters will be carried on the arm.
5 Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn.
Then you will look and be radiant, and your heart will tremble and swell with joy, because the riches of the sea will be brought to you, and the wealth of the nations will come to you.
6 Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie.
Caravans of camels will cover your land, young camels of Midian and Ephah, and all from Sheba will come, bearing gold and frankincense and proclaiming the praises of the LORD.
7 Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam.
All the flocks of Kedar will be gathered to you; the rams of Nebaioth will serve you and go up on My altar with acceptance; I will adorn My glorious house.
8 “Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi?
Who are these who fly like clouds, like doves to their shelters?
9 Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.
Surely the islands will wait for Me, with the ships of Tarshish in the lead, to bring your children from afar, with their silver and gold, to the honor of the LORD your God, the Holy One of Israel, for He has glorified you.
10 “Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.
Foreigners will rebuild your walls, and their kings will serve you. Although I struck you in anger, yet in favor I will show you mercy.
11 Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim.
Your gates will always stand open; they will never be shut, day or night, so that the wealth of the nations may be brought into you, with their kings being led in procession.
12 Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.
For the nation or kingdom that will not serve you will perish; it will be utterly destroyed.
13 “Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu, abɛsiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam.
The glory of Lebanon will come to you— its cypress, elm, and boxwood together— to adorn the place of My sanctuary, and I will glorify the place of My feet.
14 Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
The sons of your oppressors will come and bow down to you; all who reviled you will fall facedown at your feet and call you the City of the LORD, Zion of the Holy One of Israel.
15 “Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ.
Whereas you have been forsaken and despised, with no one passing through, I will make you an everlasting pride, a joy from age to age.
16 Wobɛnom amanaman nufosuo no na woanum adehyeɛ nufoɔ. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no.
You will drink the milk of nations and nurse at the breasts of royalty; you will know that I, the LORD, am your Savior and your Redeemer, the Mighty One of Jacob.
17 Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dadeɛ anan mu. Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo, na dadeɛ asi aboɔ anan mu. Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado na tenenee ayɛ wo sodifoɔ.
Instead of bronze I will bring you gold; I will bring silver in place of iron, bronze instead of wood, and iron instead of stones. I will appoint peace as your governor and righteousness as your ruler.
18 Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie.
No longer will violence be heard in your land, nor ruin or destruction within your borders. But you will name your walls Salvation and your gates Praise.
19 Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam.
No longer will the sun be your light by day, nor the brightness of the moon shine on your night; for the LORD will be your everlasting light, and your God will be your splendor.
20 Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.
Your sun will no longer set, and your moon will not wane; for the LORD will be your everlasting light, and the days of your sorrow will cease.
21 Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi.
Then all your people will be righteous; they will possess the land forever; they are the branch of My planting, the work of My hands, so that I may be glorified.
22 Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem, na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ. Mene Awurade; na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”
The least of you will become a thousand, and the smallest a mighty nation. I am the LORD; in its time I will accomplish it quickly.