< Yesaia 47 >

1 “Siane kɔ, tena mfuturo mu, Ɔbabaa bunu Babilonia; tena fam. Worentena ahennwa so bio, Ɔbabaa Babiloniafoɔ. Wɔremfrɛ wo bio sɛ, ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.
רדי ושבי על עפר בתולת בת בבל--שבי לארץ אין כסא בת כשדים כי לא תוסיפי יקראו לך רכה וענגה
2 Fa owiyammoɔ na yam esiam; yi wo nkatanimu no. Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu.
קחי רחים וטחני קמח גלי צמתך חשפי שבל גלי שוק עברי נהרות
3 Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.”
תגל ערותך--גם תראה חרפתך נקם אקח ולא אפגע אדם
4 Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.
גאלנו יהוה צבאות שמו--קדוש ישראל
5 “Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa.
שבי דומם ובאי בחשך בת כשדים כי לא תוסיפי יקראו לך גברת ממלכות
6 Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.
קצפתי על עמי חללתי נחלתי ואתנם בידך לא שמת להם רחמים--על זקן הכבדת עלך מאד
7 Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’ Nanso woannwene saa nneɛma yi ho na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.
ותאמרי לעולם אהיה גברת--עד לא שמת אלה על לבך לא זכרת אחריתה
8 “Afei tie, wo odwamanfoɔ, woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafoɔ da na merenni abawuo.’
ועתה שמעי זאת עדינה היושבת לבטח האמרה בלבבה אני ואפסי עוד לא אשב אלמנה ולא אדע שכול
9 Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo prɛko pɛ, dakoro pɛ: abawuo ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.
ותבאנה לך שתי אלה רגע ביום אחד שכול ואלמן כתמם באו עליך ברב כשפיך בעצמת חבריך מאד
10 Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
ותבטחי ברעתך אמרת אין ראני--חכמתך ודעתך היא שובבתך ותאמרי בלבך אני ואפסי עוד
11 Amanehunu bɛto wo, na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim.
ובא עליך רעה לא תדעי שחרה ותפל עליך הוה לא תוכלי כפרה ותבא עליך פתאם שאה לא תדעי
12 “Kɔ so yɛ wo ntafowayie ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no. Ebia wobɛdi nkonim, ebia wode ehu bɛba.
עמדי נא בחבריך וברב כשפיך באשר יגעת מנעוריך אולי תוכלי הועיל אולי תערוצי
13 Woabrɛ wɔ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no, ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.
נלאית ברב עצתיך יעמדו נא ויושיעך הברו (הברי) שמים החזים בכוכבים מודעים לחדשים מאשר יבאו עליך
14 Nokorɛm, wɔte sɛ nnyentia; ogya bɛhye wɔn. Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho mfiri egyadɛreɛ ano den no ho. Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
הנה היו כקש אש שרפתם לא יצילו את נפשם מיד להבה אין גחלת לחמם אור לשבת נגדו
15 Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no, yeinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase. Wɔn mu biara afa ne kwan; ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛtumi agye woɔ.
כן היו לך אשר יגעת סחריך מנעוריך איש לעברו תעו--אין מושיעך

< Yesaia 47 >