< Yesaia 43 >

1 Na afei, sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
ועתה כה אמר יהוה בראך יעקב ויצרך ישראל אל תירא כי גאלתיך קראתי בשמך לי אתה
2 Sɛ wofa nsuo mu a, mɛka wo ho; na sɛ wotwa nsubɔntene no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonante ogya no mu a, worenhye; ogyaframa no renhye wo.
כי תעבר במים אתך אני ובנהרות לא ישטפוך כי תלך במו אש לא תכוה ולהבה לא תבער בך
3 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.
כי אני יהוה אלהיך קדוש ישראל מושיעך נתתי כפרך מצרים כוש וסבא תחתיך
4 Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo enti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.
מאשר יקרת בעיני נכבדת ואני אהבתיך ואתן אדם תחתיך ולאמים תחת נפשך
5 Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho; mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.
אל תירא כי אתך אני ממזרח אביא זרעך וממערב אקבצך
6 Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’ ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra na me mmammaa mfiri asase ano mmra,
אמר לצפון תני ולתימן אל תכלאי הביאי בני מרחוק ובנותי מקצה הארץ
7 obiara a me din da no so, deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam, deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”
כל הנקרא בשמי ולכבודי בראתיו יצרתיו אף עשיתיו
8 Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra.
הוציא עם עור ועינים יש וחרשים ואזנים למו
9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem, sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”
כל הגוים נקבצו יחדו ויאספו לאמים--מי בהם יגיד זאת וראשנות ישמיענו יתנו עדיהם ויצדקו וישמעו ויאמרו אמת
10 “Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na Awurade seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
אתם עדי נאם יהוה ועבדי אשר בחרתי למען תדעו ותאמינו לי ותבינו כי אני הוא--לפני לא נוצר אל ואחרי לא יהיה
11 Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
אנכי אנכי יהוה ואין מבלעדי מושיע
12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
אנכי הגדתי והושעתי והשמעתי--ואין בכם זר ואתם עדי נאם יהוה ואני אל
13 Aane, na ɛfiri teteete no mene no. Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”
גם מיום אני הוא ואין מידי מציל אפעל ומי ישיבנה
14 Sei na Awurade seɛ, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ, wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
כה אמר יהוה גאלכם קדוש ישראל למענכם שלחתי בבלה והורדתי בריחים כלם וכשדים באניות רנתם
15 Mene Awurade, wo Kronkronni no, Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.”
אני יהוה קדושכם בורא ישראל מלככם
16 Yei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu, ɛkwan a ɛda nsubunu mu,
כה אמר יהוה הנותן בים דרך ובמים עזים נתיבה
17 deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa, na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio; wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma:
המוציא רכב וסוס חיל ועזוז יחדו ישכבו בל יקומו דעכו כפשתה כבו
18 “Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no monntɔ nkɔ deɛ atwam no so.
אל תזכרו ראשנות וקדמניות אל תתבננו
19 Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ! Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa? Merebɔ ɛkwan afa anweatam so na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.
הנני עשה חדשה עתה תצמח הלוא תדעוה אף אשים במדבר דרך בישמון נהרות
20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam, adompo ne apatuo, ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam so ne nsuwansuwa wɔ asase wesee so de ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo,
תכבדני חית השדה תנים ובנות יענה כי נתתי במדבר מים נהרות בישימן להשקות עמי בחירי
21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie.
עם זו יצרתי לי תהלתי יספרו
22 “Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob, wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel.
ולא אתי קראת יעקב כי יגעת בי ישראל
23 Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso. Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo.
לא הביאת לי שה עלתיך וזבחיך לא כבדתני לא העבדתיך במנחה ולא הוגעתיך בלבונה
24 Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.
לא קנית לי בכסף קנה וחלב זבחיך לא הרויתני אך העבדתני בחטאותיך הוגעתני בעונתיך
25 “Me, me ara, mene deɛ ɔpepa mo bɔne, me enti, na menkae mo amumuyɛ bio.
אנכי אנכי הוא מחה פשעיך למעני וחטאתיך לא אזכר
26 Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.
הזכירני נשפטה יחד ספר אתה למען תצדק
27 Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne; mo kasamafoɔ tee mʼanim atua.
אביך הראשון חטא ומליציך פשעו בי
28 Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛeɛ, na mede Israel ama ahɔhora.
ואחלל שרי קדש ואתנה לחרם יעקב וישראל לגדופים

< Yesaia 43 >