< Yesaia 30 >
1 “Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,” sɛi na Awurade seɛ, “Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
耶和华说: 祸哉!这悖逆的儿女。 他们同谋,却不由于我, 结盟,却不由于我的灵, 以致罪上加罪;
2 wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,
起身下埃及去,并没有求问我; 要靠法老的力量加添自己的力量, 并投在埃及的荫下。
3 nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.
所以,法老的力量必作你们的羞辱; 投在埃及的荫下,要为你们的惭愧。
4 Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ,
他们的首领已在琐安; 他们的使臣到了哈内斯。
5 nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.”
他们必因那不利于他们的民蒙羞。 那民并非帮助,也非利益, 只作羞耻凌辱。
6 Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, deɛ agyata ne agyatabereɛ, ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ. Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so,
论南方牲畜的默示: 他们把财物驮在驴驹的脊背上, 将宝物驮在骆驼的肉鞍上, 经过艰难困苦之地, 就是公狮、母狮、蝮蛇、火焰的飞龙之地, 往那不利于他们的民那里去。
7 de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ. Enti mefrɛ no Rahab, deɛ Ɔnka Hwee.
埃及的帮助是徒然无益的; 所以我称她为“坐而不动的拉哈伯”。
8 Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
现今你去, 在他们面前将这话刻在版上, 写在书上, 以便传留后世,直到永永远远。
9 Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.
因为他们是悖逆的百姓、说谎的儿女, 不肯听从耶和华训诲的儿女。
10 Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.
他们对先见说:不要望见不吉利的事, 对先知说:不要向我们讲正直的话; 要向我们说柔和的话, 言虚幻的事。
11 Momfiri saa tempɔn yi so, mommane mfiri saa kwan yi ho na monnyae Israel Kronkronni a mode no ha yɛn yi!”
你们要离弃正道,偏离直路, 不要在我们面前再提说以色列的圣者。
12 Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti,
所以,以色列的圣者如此说: 因为你们藐视这训诲的话, 倚赖欺压和乖僻,以此为可靠的,
13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo.
故此,这罪孽在你们身上, 好像将要破裂凸出来的高墙, 顷刻之间忽然坍塌;
14 Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”
要被打碎,好像把窑匠的瓦器打碎, 毫不顾惜, 甚至碎块中找不到一片可用以从炉内取火, 从池中舀水。
15 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara.
主耶和华—以色列的圣者曾如此说: 你们得救在乎归回安息; 你们得力在乎平静安稳; 你们竟自不肯。
16 Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’ Enti mobɛdwane! Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!
你们却说:不然,我们要骑马奔走。 所以你们必然奔走; 又说:我们要骑飞快的牲口。 所以追赶你们的,也必飞快。
17 Apem bɛdwane ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu enti mo nyinaa bɛdwane akɔ, kɔsi sɛ wɔbɛgya mo te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi, te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”
一人叱喝,必令千人逃跑; 五人叱喝,你们都必逃跑; 以致剩下的,好像山顶的旗杆, 冈上的大旗。
18 Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
耶和华必然等候,要施恩给你们; 必然兴起,好怜悯你们。 因为耶和华是公平的 神; 凡等候他的都是有福的!
19 Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.
百姓必在锡安、在耶路撒冷居住;你不再哭泣。主必因你哀求的声音施恩给你;他听见的时候就必应允你。
20 Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
主虽然以艰难给你当饼,以困苦给你当水,你的教师却不再隐藏;你眼必看见你的教师。
21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”
你或向左或向右,你必听见后边有声音说:“这是正路,要行在其间。”
22 Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”
你雕刻偶像所包的银子和铸造偶像所镀的金子,你要玷污,要抛弃,好像污秽之物,对偶像说:“去吧!”
23 Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ.
你将种子撒在地里,主必降雨在其上,并使地所出的粮肥美丰盛。到那时,你的牲畜必在宽阔的草场吃草。
24 Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu.
耕地的牛和驴驹必吃加盐的料;这料是用木杴和杈子扬净的。
25 Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.
在大行杀戮的日子,高台倒塌的时候,各高山冈陵必有川流河涌。
26 Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.
当耶和华缠裹他百姓的损处,医治他民鞭伤的日子,月光必像日光,日光必加七倍,像七日的光一样。
27 Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba, ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn; abufuo ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.
看哪,耶和华的名从远方来, 怒气烧起,密烟上腾。 他的嘴唇满有忿恨; 他的舌头像吞灭的火。
28 Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.
他的气如涨溢的河水,直涨到颈项, 要用毁灭的筛箩筛净列国, 并且在众民的口中必有使人错行的嚼环。
29 Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no; mo akoma bɛdi ahurisie te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔ no so kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
你们必唱歌,像守圣节的夜间一样,并且心中喜乐,像人吹笛,上耶和华的山,到以色列的磐石那里。
30 Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne, na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma, osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.
耶和华必使人听他威严的声音,又显他降罚的膀臂和他怒中的忿恨,并吞灭的火焰与霹雷、暴风、冰雹。
31 Awurade nne bɛdwerɛ Asiria; ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.
亚述人必因耶和华的声音惊惶;耶和华必用杖击打他。
32 Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ.
耶和华必将命定的杖加在他身上;每打一下,人必击鼓弹琴。打杖的时候,耶和华必抡起手来,与他交战。
33 Wɔasiesie Topet dadaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; Awurade ahome a ɛte sɛ sɔfe asutene no bɛsɔ mu ogya.
原来陀斐特又深又宽,早已为王预备好了;其中堆的是火与许多木柴。耶和华的气如一股硫磺火使他着起来。