< Hosea 11 >

1 “Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.
Cuando Israel era un muchacho, Yo lo amé, y de Egipto llamé a mi hijo.
2 Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.
Cuanto más los llamaba, tanto más se alejaban de mi Presencia. Continuaban los sacrificios a los baales y quemaban incienso a los ídolos.
3 Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ.
Pero fui Yo Quien enseñó a andar a Efraín. Los tomé por sus brazos. Sin embargo, no reconocieron que Yo los sanaba.
4 Mede ayamyɛ ahoma ne ɔdɔ dii wɔn anim; meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.
Los atraje con cuerdas humanas, con correas de amor. Fui para ellos como el que quita el yugo de su nuca. Me incliné y los alimenté.
5 “Wɔbɛsane akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.
No regresará a la tierra de Egipto, pero el asirio será su rey, porque rehusaron convertirse.
6 Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.
La espada blandirá contra sus ciudades, y demolerá los cerrojos de sus puertas, porque siguieron sus propios planes.
7 Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.
Mi pueblo está inclinado a apartarse de Mí. Aunque me llaman el Altísimo, ninguno en absoluto me exalta.
8 “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Mʼakoma asesa wɔ me mu; na mʼahummɔborɔ ahwanyane.
¿Cómo puedo abandonarte, oh Efraín? ¿Cómo puedo entregarte, oh Israel? ¿Cómo puedo hacerte como Adma? ¿Cómo puedo tratarte como a Zeboim? Se me conmueve el corazón dentro de Mí, se enternece toda mi compasión.
9 Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. Meremma wɔ abufuo mu.
No me volveré para destruir a Efraín, por cuanto Yo soy ʼEL, y no hombre, el Santo en medio de ti, y no vendré con furor.
10 Wɔbɛdi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔm a, ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.
Caminarán tras Yavé. Él rugirá como un león. Cuando ruja, sus hijos vendrán temblorosos desde occidente.
11 Wɔde ahopopoɔ bɛba te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Desde Egipto vendrán temblorosos como pájaros, desde la tierra de Asiria, como palomas, y vivirán en sus casas, dice Yavé.
12 Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia, Israel efie nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.
Efraín me rodeó de mentiras, la Casa de Israel, de falsedad. Judá aún divaga contra ʼEL, contra el Santo, Quien es Fiel.

< Hosea 11 >