< Hebrifoɔ 3 >

1 Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.
Ուստի, սո՛ւրբ եղբայրներ, երկնային կոչումին բաժնեկիցնե՛ր, ուշադի՛ր եղէք մեր դաւանութեան Առաքեալին ու Քահանայապետին՝ Քրիստոս Յիսուսի,
2 Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no.
որ հաւատարիմ էր զինք նշանակողին, ինչպէս Մովսէս ալ՝ անոր ամբողջ տան մէջ:
3 Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa.
Որովհետեւ ինք արժանացաւ Մովսէսէն ա՛յնքան աւելի փառքի, որքան աւելի պատիւ կ՚ունենայ տուն կառուցանողը՝ քան տունը:
4 Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.
Քանի որ ամէն տուն ունի կառուցանող մը. բայց ա՛ն որ կառուցանեց բոլոր բաները՝ Աստուա՛ծ է:
5 Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
Արդարեւ Մովսէս անոր ամբողջ տան մէջ հաւատարիմ էր իբր ծառայ՝ ըսուելիքներուն վկայ ըլլալու համար.
6 Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.
բայց Քրիստոս՝ իբր որդի կը տիրէ իր իսկ տան վրայ: Մե՛նք ենք անոր տունը, եթէ գէթ մինչեւ վախճանը ամուր բռնենք համարձակութիւնը եւ յոյսին պարծանքը:
7 Enti Honhom Kronkron no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,
Ուստի, ինչպէս Սուրբ Հոգին կ՚ըսէ. «Այսօր, եթէ պիտի լսէք անոր ձայնը,
8 monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.
մի՛ խստացնէք ձեր սիրտերը՝ ինչպէս դառնութեան ատեն, փորձութեան օրը՝ անապատին մէջ,
9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ, nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.
ուր ձեր հայրերը փորձեցին ու քննեցին զիս, թէպէտ քառասուն տարի տեսան իմ գործերս:
10 Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’
Ուստի զզուեցայ այդ սերունդէն եւ ըսի. “Անոնք միշտ մոլորած են իրենց սիրտով, ու չգիտցան իմ ճամբաներս”:
11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’”
Հետեւաբար երդում ըրի իմ բարկութեանս մէջ. “Անոնք պիտի չմտնեն իմ հանգստավայրս”»:
12 Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.
Զգուշացէ՛ք, եղբայրնե՛ր, որպէսզի ձեզմէ ո՛չ մէկուն ներսը անհաւատութեան չար սիրտ մը ըլլայ՝ հեռանալով ապրող Աստուծմէն:
13 Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no.
Հապա ամէն օր յորդորեցէ՛ք զիրար, քանի «այսօր» կ՚ըսուի, որպէսզի ձեզմէ ո՛չ մէկը խստանայ մեղքին խաբէութեամբ:
14 Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ.
Արդարեւ մենք բաժնեկից եղած ենք Քրիստոսի, եթէ գէթ մինչեւ վախճանը հաստատ բռնենք մեր սկիզբի վստահութիւնը,
15 Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
մինչ կ՚ըսուի. «Այսօր, եթէ պիտի լսէք անոր ձայնը, մի՛ խստացնէք ձեր սիրտերը՝ ինչպէս դառնութեան ատեն»:
16 Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa.
Քանի որ ոմանք՝ լսելէ ետք՝ դառնացուցին. սակայն ոչ՝՝ բոլորը՝ որ Եգիպտոսէն ելած էին Մովսէսի միջոցով:
17 Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no.
Իսկ որոնցմէ՞ զզուեցաւ քառասուն տարի. մեղանչողներէն չէ՞ր, որոնց դիակները ինկան անապատին մէջ:
18 Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.
Եւ որո՞նց երդում ըրաւ՝ թէ պիտի չմտնեն իր հանգստավայրը, եթէ ոչ՝ անհնազանդներուն:
19 Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.
Ու կը տեսնենք թէ չկրցան մտնել՝ իրենց անհաւատութեան պատճառով:

< Hebrifoɔ 3 >