< Hesekiel 35 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Moreover the word of the LORD came unto me, saying:
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no
'Son of man, set thy face against mount Seir, and prophesy against it,
3 na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan.
and say unto it: Thus saith the Lord GOD: Behold, I am against thee, O mount Seir, and I will stretch out My hand against thee, and I will make thee most desolate.
4 Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
I will lay thy cities waste, and thou shalt be desolate; and thou shalt know that I am the LORD.
5 “‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no
Because thou hast had a hatred of old, and hast hurled the children of Israel unto the power of the sword in the time of their calamity, in the time of the iniquity of the end;
6 enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo.
therefore, as I live, saith the Lord GOD, I will prepare thee unto blood, and blood shall pursue thee; surely thou hast hated thine own blood, therefore blood shall pursue thee.
7 Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ.
Thus will I make mount Seir most desolate, and cut off from it him that passeth through and him that returneth.
8 Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu.
And I will fill his mountains with his slain; in thy hills and in thy valleys and in all thy streams shall they fall that are slain with the sword.
9 Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.
I will make thee perpetual desolations, and thy cities shall not return; and ye shall know that I am the LORD.
10 “‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ,
Because thou hast said: These two nations and these two countries shall be mine, and we will possess it; whereas the LORD was there;
11 enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn.
therefore, as I live, saith the Lord GOD, I will do according to thine anger and according to thine envy, which thou hast used out of thy hatred against them; and I will make Myself known among them, when I shall judge thee.
12 Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.”
And thou shalt know that I the LORD have heard all thy blasphemies which thou hast spoken against the mountains of Israel, saying: They are laid desolate, they are given us to devour.
13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ.
And ye have magnified yourselves against Me with your mouth, and have multiplied your words against Me; I have heard it.
14 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan.
Thus saith the Lord GOD: When the whole earth rejoiceth, I will make thee desolate.
15 Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
As thou didst rejoice over the inheritance of the house of Israel, because it was desolate, so will I do unto thee; thou shalt be desolate, O mount Seir, and all Edom, even all of it; and they shall know that I am the LORD.

< Hesekiel 35 >