< Hesekiel 2 >
1 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ, na me ne wo nkasa.”
Akaniambia, “Mwanadamu, simama kwa miguu yako nami nitasema nawe.”
2 Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee sɛ ɔrekasa kyerɛ me.
Alipokuwa akiongea nami, Roho akanijia na kunisimamisha wima, nikamsikia akisema nami.
3 Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ.
Akaniambia: “Mwanadamu, ninakutuma kwa Waisraeli, kwa taifa asi ambalo limeniasi mimi, wao na baba zao wananikosea mimi hadi leo.
4 Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’
Watu ambao ninakutuma kwao ni wapotovu na wakaidi. Waambie, ‘Hivi ndivyo anavyosema Bwana Mwenyezi.’
5 Na sɛ wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane sɛ wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.
Kama watasikiliza au hawatasikiliza, kwa kuwa wao ni nyumba ya kuasi, watajua nabii amekuwa miongoni mwao.
6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.
Nawe mwanadamu, usiwaogope wao wala maneno yao, usiogope, ingawa michongoma na miiba vinakuzunguka na unaishi katikati ya nge. Usiogope yale wasemayo wala usitishwe nao, ingawa wao ni nyumba ya uasi.
7 Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo.
Wewe lazima uwaambie maneno yangu, ikiwa wanasikiliza au hawasikilizi, kwa kuwa wao ni watu waasi.
8 Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te sɛ saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no.”
Lakini wewe mwanadamu, sikiliza ninalokuambia. Usiwe mwenye kuasi kama hiyo nyumba ya kuasi. Fungua kinywa chako na ule nikupacho.”
9 Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene wɔ me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi wɔ.
Ndipo nikatazama, nami nikaona mkono ulionyooshwa kunielekea. Nao ulikuwa na ukurasa wa kitabu,
10 Ɔtrɛɛ mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔatwerɛ abubuo, awerɛhoɔ ne nnome nsɛm.
ambao aliukunjua mbele yangu. Pande zote mbili ulikuwa umeandikwa maneno ya maombolezo, vilio na ole.