< Hesekiel 17 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
وَكَانَ إِلَيَّ كَلَامُ ٱلرَّبِّ قَائِلًا:١
2 “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie.
«يَا ٱبْنَ آدَمَ، حَاجِ أُحْجِيَّةً وَمَثِّلْ مَثَلًا لِبَيْتِ إِسْرَائِيلَ،٢
3 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu,
وَقُلْ: هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: نَسْرٌ عَظِيمٌ كَبِيرُ ٱلْجَنَاحَيْنِ، طَوِيلُ ٱلْقَوَادِمِ، وَاسِعُ ٱلْمَنَاكِبِ، ذُو تَهَاوِيلَ، جَاءَ إِلَى لُبْنَانَ وَأَخَذَ فَرْعَ ٱلْأَرْزِ.٣
4 buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu.
قَصَفَ رَأْسَ خَرَاعِيبِهِ، وَجَاءَ بِهِ إِلَى أَرْضِ كَنْعَانَ، وَجَعَلَهُ فِي مَدِينَةِ ٱلتُّجَّارِ.٤
5 “‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no sɛ ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho,
وَأَخَذَ مِنْ زَرْعِ ٱلْأَرْضِ وَأَلْقَاهُ فِي حَقْلِ ٱلزَّرْعِ، وَجَعَلَهُ عَلَى مِيَاهٍ كَثِيرَةٍ. أَقَامَهُ كَٱلصَّفْصَافِ،٥
6 na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ.
فَنَبَتَ وَصَارَ كَرْمَةً مُنْتَشِرَةً قَصِيرَةَ ٱلسَّاقِ. ٱنْعَطَفَتْ عَلَيْهِ زَرَاجِينُهَا وَكَانَتْ أُصُولُهَا تَحْتَهُ، فَصَارَتْ كَرْمَةً وَأَنْبَتَتْ فُرُوعًا وَأَفْرَخَتْ أَغْصَانًا.٦
7 “‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo.
وَكَانَ نَسْرٌ آخَرُ عَظِيمٌ كَبِيرُ ٱلْجَنَاحَيْنِ وَاسِعُ ٱلْمَنْكَبِ، فَإِذَا بِهَذِهِ ٱلْكَرْمَةِ عَطَفَتْ عَلَيْهِ أُصُولَهَا وَأَنْبَتَتْ نَحْوَهُ زَرَاجِينَهَا لِيَسْقِيَهَا فِي خَمَائِلِ غَرْسِهَا.٧
8 Nanso, na wɔadua bobe no wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba na afei abɛyɛ bobe dua a ɛdi mu.’
فِي حَقْلٍ جَيِّدٍ عَلَى مِيَاهٍ كَثِيرَةٍ هِيَ مَغْرُوسَةٌ لِتُنْبِتَ أَغْصَانَهَا وَتَحْمِلَ ثَمَرًا، فَتَكُونَ كَرْمَةً وَاسِعَةً.٨
9 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase.
قُلْ: هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: هَلْ تَنْجَحُ؟ أَفَلَا يَقْلَعُ أُصُولَهَا وَيَقْطَعُ ثَمَرَهَا فَتَيْبَسَ؟ كُلٌّ مِنْ أَوْرَاقِ أَغْصَانِهَا تَيْبَسُ، وَلَيْسَ بِذِرَاعٍ عَظِيمَةٍ أَوْ بِشَعْبٍ كَثِيرٍ لِيَقْلَعُوهَا مِنْ أُصُولِهَا.٩
10 Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’”
هَا هِيَ ٱلْمَغْرُوسَةُ، فَهَلْ تَنْجَحُ؟ أَلَا تَيْبَسُ يَبْسًا كَأَنَّ رِيحًا شَرْقِيَّةً أَصَابَتْهَا؟ فِي خَمَائِلِ نَبْتِهَا تَيْبَسُ».١٠
11 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
وَكَانَ إِلَيَّ كَلَامُ ٱلرَّبِّ قَائِلًا:١١
12 “Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.
«قُلْ لِلْبَيْتِ ٱلْمُتَمَرِّدِ: أَمَا عَلِمْتُمْ مَا هَذِهِ؟ قُلْ: هُوَذَا مَلِكُ بَابِلَ قَدْ جَاءَ إِلَى أُورُشَلِيمَ وَأَخَذَ مَلِكَهَا وَرُؤَسَاءَهَا وَجَاءَ بِهِمْ إِلَيْهِ إِلَى بَابِلَ.١٢
13 Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ,
وَأَخَذَ مِنَ ٱلزَّرْعِ ٱلْمَلِكِيِّ وَقَطَعَ مَعَهُ عَهْدًا وَأَدْخَلَهُ فِي قَسَمٍ، وَأَخَذَ أَقْوِيَاءَ ٱلْأَرْضِ،١٣
14 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
لِتَكُونَ ٱلْمَمْلَكَةُ حَقِيرَةً وَلَا تَرْتَفِعَ، لِتَحْفَظَ ٱلْعَهْدَ فَتَثْبُتَ.١٤
15 Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa?
فَتَمَرَّدَ عَلَيْهِ بِإِرْسَالِهِ رُسُلَهُ إِلَى مِصْرَ لِيُعْطُوهُ خَيْلًا وَشَعْبًا كَثِيرِينَ. فَهَلْ يَنْجَحُ؟ هَلْ يُفْلِتُ فَاعِلُ هَذَا؟ أَوْ يَنْقُضُ عَهْدًا وَيُفْلِتُ؟١٥
16 “‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu wɔ Babilonia. Ɔbɛwu wɔ Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so.
حَيٌّ أَنَا، يَقُولُ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ، إِنَّ فِي مَوْضِعِ ٱلْمَلِكِ ٱلَّذِي مَلَّكَهُ، ٱلَّذِي ٱزْدَرَى قَسَمَهُ وَنَقَضَ عَهْدَهُ، فَعِنْدَهُ فِي وَسْطِ بَابِلَ يَمُوتُ.١٦
17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm ho remma no mfasoɔ biara wɔ ɔko mu, ɛberɛ a Babilonia asisi epie na wayɛ otua nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa.
وَلَا بِجَيْشٍ عَظِيمٍ وَجَمْعٍ غَفِيرٍ يُعِينُهُ فِرْعَوْنُ فِي ٱلْحَرْبِ، بِإِقَامَةِ مِتْرَسَةٍ وَبِبِنَاءِ بُرْجٍ لِقَطْعِ نُفُوسٍ كَثِيرَةٍ.١٧
18 Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni.
إِذِ ٱزْدَرَى ٱلْقَسَمَ لِنَقْضِ ٱلْعَهْدِ، وَهُوَذَا قَدْ أَعْطَى يَدَهُ وَفَعَلَ هَذَا كُلَّهُ فَلَا يُفْلِتُ.١٨
19 “‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so.
لِأَجْلِ ذَلِكَ هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: حَيٌّ أَنَا، إِنَّ قَسَمِي ٱلَّذِي ٱزْدَرَاهُ، وَعَهْدِي ٱلَّذِي نَقَضَهُ، أَرُدُّهُمَا عَلَى رَأْسِهِ.١٩
20 Mɛtrɛ mʼasau mu wɔ ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, ɛfiri sɛ wanni me nokorɛ.
وَأَبْسُطُ شَبَكَتِي عَلَيْهِ فَيُؤْخَذُ فِي شَرَكِي، وَآتِي بِهِ إِلَى بَابِلَ وَأُحَاكِمُهُ هُنَاكَ عَلَى خِيَانَتِهِ ٱلَّتِي خَانَنِي بِهَا.٢٠
21 Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa.
وَكُلُّ هَارِبِيهِ وَكُلُّ جُيُوشِهِ يَسْقُطُونَ بِٱلسَّيْفِ، وَٱلْبَاقُونَ يُذَرُّونَ فِي كُلِّ رِيحٍ، فَتَعْلَمُونَ أَنِّي أَنَا ٱلرَّبُّ تَكَلَّمْتُ.٢١
22 “‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua wɔ bepɔ tentene bi so.
«هَكَذَا قَالَ ٱلسَّيِّدُ ٱلرَّبُّ: وَآخُذُ أَنَا مِنْ فَرْعِ ٱلْأَرْزِ ٱلْعَالِي وَأَغْرِسُهُ، وَأَقْطِفُ مِنْ رَأْسِ خَرَاعِيبِهِ غُصْنًا وَأَغْرِسُهُ عَلَى جَبَلٍ عَالٍ وَشَامِخٍ.٢٢
23 Mɛdua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwunu mu.
فِي جَبَلِ إِسْرَائِيلَ ٱلْعَالِي أَغْرِسُهُ، فَيُنْبِتُ أَغْصَانًا وَيَحْمِلُ ثَمَرًا وَيَكُونُ أَرْزًا وَاسِعًا، فَيَسْكُنُ تَحْتَهُ كُلَّ طَائِرٍ، كُلُّ ذِي جَنَاحٍ يَسْكُنُ فِي ظِلِّ أَغْصَانِهِ.٢٣
24 Wira mu nnua nyinaa bɛhunu sɛ, me Awurade na metwa dua tentene to fam na mema dua a ɛyɛ tiawa nyini yɛ tentene. Mema dua mono atwintwam na mema deɛ atwintwam nso yɛ frɔmm. “‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’”
فَتَعْلَمُ جَمِيعُ أَشْجَارِ ٱلْحَقْلِ أَنِّي أَنَا ٱلرَّبُّ، وَضَعْتُ ٱلشَّجَرَةَ ٱلرَّفِيعَةَ، وَرَفَعْتُ ٱلشَّجَرَةَ ٱلْوَضِيعَةَ، وَيَبَّسْتُ ٱلشَّجَرَةَ ٱلْخَضْرَاءَ، وَأَفْرَخْتُ ٱلشَّجَرَةَ ٱلْيَابِسَةَ. أَنَا ٱلرَّبَّ تَكَلَّمْتُ وَفَعَلْتُ».٢٤

< Hesekiel 17 >