< 2 Mose 10 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi.
The Lord told Moses, “Go and see Pharaoh, because it was me who gave him and his officials a stubborn attitude so that I may perform my miracles before them.
2 Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene Awurade no kyerɛ wɔn.”
This is so you can tell your children and grandchildren how I made the Egyptians look foolish by doing these miracles among them, and so that you may know that I am the Lord.”
3 Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me.
Moses and Aaron went to Pharaoh and told him, “This is what the Lord, the God of the Hebrews, says: ‘How long are you going to refuse to humble yourself before me? Let my people go, so that they can worship me.
4 Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so.
If you refuse to let my people leave, tomorrow I will send a plague of locusts into your country.
5 Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho.
There will be so many of them that they'll cover the ground so no one can see it. They will eat whatever crops were left by the hail, as well as every tree growing in your fields.
6 Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ.
They will swarm into your houses and into the houses of all your officials—in fact into the houses of every Egyptian. This is something that none of your forefathers ever saw from the time they arrived in this country.’” Then Moses and Aaron turned and left Pharaoh.
7 Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Onyankopɔn!”
Pharaoh's officials came to him and asked, “How long are you going to let this man cause us trouble? Let these people go so they can worship the Lord their God. Don't you realize that Egypt has been destroyed?”
8 Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom Awurade, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?”
Moses and Aaron were brought back to see Pharaoh. “Go and worship the Lord your God,” he told them. “But who of you will be going?”
9 Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”
“We will all go,” Moses replied. “Young and old, sons and daughters—and we'll take our flocks and herds with us, for we're going to have a religious festival for the Lord.”
10 Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ Awurade ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne.
“The Lord really would have to be with you if I let your children go with you!” Pharaoh answered. “Clearly you're planning some kind of evil trick!
11 Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ.
So no! Only the men can go and worship the Lord, because that's what you've been asking for.” Then he had Moses and Aaron thrown out.
12 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.”
The Lord told Moses, “Lift up your hand over Egypt, so that the locusts may swarm over it and eat every plant in the country—everything that was left by the hail.”
13 Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa.
Moses held out his staff over Egypt, and all through that day and night the Lord sent an east wind blowing over the land. By the time morning came the east wind had brought in the locusts.
14 Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio.
The locusts swarmed across the land and settled in every part of the country. There had never been such a swarm of locusts ever before, and there won't be ever again.
15 Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
They covered the ground until it looked black, and they ate up all the plants in the fields and all the fruit on the trees that had been left by the hail. Not a single green leaf was left on any tree or plant anywhere in Egypt.
16 Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa.
Pharaoh called urgently for Moses and Aaron and said, “I have sinned against the Lord your God and against you.
17 Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.”
So please forgive my sin just this one time and plead with the Lord your God, asking him to at least take away this deathly plague from me.”
18 Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade.
Moses left Pharaoh and prayed to the Lord.
19 Awurade bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so.
The Lord changed the direction of the wind so that a strong westerly wind blew the locusts into the Red Sea. There wasn't a single locust left anywhere in Egypt.
20 Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ.
But the Lord made Pharaoh stubborn, and he would not let the Israelites go.
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.”
The Lord told Moses, “Lift your hand toward the sky so that darkness will fall over Egypt, darkness so thick that it can be felt.”
22 Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa.
Moses lifted up his hand toward heaven, and the whole of Egypt went completely dark for three days.
23 Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann.
No one could see anyone else, and no one moved from where they were for three days. But there was still light where all the Israelites lived.
24 Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.”
Eventually Pharaoh called for Moses. “Go and worship the Lord,” he said. “Just leave your flocks and herds here. You can even take your children with you.”
25 Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn.
But Moses replied, “You must also let us have animals for sacrifices and burnt offerings, so we can offer them to the Lord our God.
26 Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.”
Our livestock have to go with us too—not a single animal will be left behind. We'll need some of them to worship the Lord our God, and we won't know how we are to worship the Lord until we get there.”
27 Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ.
But the Lord made Pharaoh stubborn, and he would not let them go.
28 Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.”
Pharaoh shouted at Moses, “Get out of here! I don't want to see you ever again! If I ever do see you again you'll die!”
29 Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.”
“May it be as you say,” Moses replied. “I won't see you again.”

< 2 Mose 10 >