< 5 Mose 32 >

1 Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa! Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.
Hear, O ye heavens, the things I speak, let the earth give ear to the words of my mouth.
2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.
Let my doctrine gather as the rain, let my speech distil as the dew, as a shower upon the herb, and as drops upon the grass.
3 Mɛbɔ Awurade din; Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.
Because I will invoke the name of the Lord: give ye magnificence to our God.
4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.
The works of God are perfect, and all his ways are judgments: God is faithful and without any iniquity, he is just and right.
5 Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no; sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa? Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.
They have sinned against him, and are nose of his children in their filth: they are a wicked and perverse generation.
6 Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no? Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ. Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?
Is this the return thou makest to the Lord, O foolish and senseless people? Is not he thy father, that hath possessed thee, and made thee, and created thee?
7 Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.
Remember the days of old, think upon every generation: ask thy father, and he will declare to thee: thy elders and they will tell thee.
8 Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.
When the Most High divided the nations: when he separated the sons of Adam, he appointed the bounds of people according to the number of the children of Israel.
9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.
But the Lord’s portion is his people: Jacob the lot of his inheritance.
10 Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.
He found him in a desert land, in a place of horror, and of vast wilderness: he led him about, and taught him: and he kept him as the apple of his eye.
11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma, na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho, saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn, sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.
As the eagle enticing her young to fly, and hovering over them, he spread his wings, and hath taken him and carried him on his shoulders.
12 Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan. Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.
The Lord alone was his leader: and there was no strange god with him.
13 Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so; Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ; ɔde abotan mu woɔ, ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.
He set him upon high land: that he might eat the fruits of the fields, that he might suck honey out of the rock, and oil out of the hardest stone,
14 Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.
Butter of the herd, and milk of the sheep with the fat of lambs, and of the rams of the breed of Basan: and goats with the marrow of wheat, and might drink the purest blood of the grape.
15 Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.
The beloved grew fat, and kicked: he grew fat, and thick and gross, he forsook God who made him, and departed from God his saviour.
16 Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.
They provoked him by strange gods, and stirred him up to anger, with their abominations.
17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.
They sacrificed to devils and not to God: to gods whom they knew not: that were newly come up, whom their fathers worshipped not.
18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
Thou hast forsaken the God that beget thee, and hast forgotten the Lord that created thee.
19 Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.
The Lord saw, and was moved to wrath: because his own sons and daughters provoked him.
20 Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ.
And he said: I will hide my face from them, and will consider what their last end shall be: for it is a perverse generation, and unfaithful children.
21 Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.
They have provoked me with that which was no god, and have angered me with their vanities: and I will provoke them with that which is no people, and will vex them with a foolish nation.
22 Mʼabufuo dɛre sɛ ogya, na ɛhye kɔsi damena mu. Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa na ɛpaapae mmepɔ fapem. (Sheol h7585)
A fire is kindled in my wrath, and shall burn even to the lowest hell: and shall devour the earth with her increase, and shall burn the foundations of the mountains. (Sheol h7585)
23 “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so na mato me bɛmma awowɔ wɔn.
I will heap evils upon them, and will spend my arrows among them.
24 Mede ɛkɔm kɛseɛ, huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so. Wɔde wiram mmoa se ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.
They shall be consumed with famine, and birds shall devour them with a most bitter bite: I will send the teeth of beasts upon them, with the fury of creatures that trail upon the ground, and of serpents.
25 Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano, na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmeranteɛ ne mmabaawa mmɔfra ne mpanin nyinaa.
Without, the sword shall lay them waste, and terror within, both the young man and the virgin, the sucking child with the man in years.
26 Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera.
I said: Where are they? I will make the memory of them to cease from among men.
27 Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie, sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ, ‘Yɛn tumi adi nkonim! Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’”
But for the wrath of the enemies I have deferred it: lest perhaps their enemies might be proud, and should say: Our mighty hand, and not the Lord, hath done all these things.
28 Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.
They are a nation without counsel, and without wisdom.
29 Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase! Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!
O that they would be wise and would understand, and would provide for their last end.
30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma ɔpedu adwane, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn. Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
How should one pursue after a thousand, and two chase ten thousand? Was it not, because their God had sold them, and the Lord had shut them up?
31 Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛdeɛ wɔhunu no.
For our God is not as their gods: our enemies themselves are judges.
32 Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu firi Gomora bobe nturom. Wɔn bobe aba yɛ awuduro na wɔn siaka nso yɛ nwono.
Their vines are of the vineyard of Sodom, and of the suburbs of Gomorrha: their grapes are grapes of gall, and their clusters most bitter.
33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ; aprammire ano borɔ kɔdiawuo.
Their wine is the gall of dragons, and the venom of asps, which is incurable.
34 “Merekora saa nneɛma yi nyinaa, asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.
Are not these things stored up with me, and sealed up in my treasures?
35 Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka. Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri. Wɔn amanehunu da no bɛduru, na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”
Revenge is mine, and I will repay them in due time, that their foot may slide: the day of destruction is at hand, and the time makes haste to come.
36 Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.
The Lord will judge his people, and will have mercy on his servants: he shall see that their hand is weakened, and that they who were shut up have also failed, and they that remained are consumed.
37 Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,
And he shall say: Where are their gods, in whom they trusted?
38 anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!
Of whose victims they ate the fat, and drank the wine of their drink offerings: let them arise and help you, and protect you in your distress.
39 “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.
See ye that I alone am, and there is no other God besides me: I will kill and I will make to live: I will strike, and I will heal, and there is none that can deliver out of my hand.
40 Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,
I will lift up my hand to heaven, and I will say: I live for ever.
41 Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano na mefiri atemmuo ase a, mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere na matua wɔn a wɔtan me so ka.
If I shall whet my sword as the lightning, and my hand take hold on judgment: I will render vengeance to my enemies, and repay them that hate me.
42 Mɛma me bɛmma anom mogya abo, na mʼakofena asɛe honam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”
I will make my arrows drunk with blood, and my sword shall devour flesh, of the blood of the slain and of the captivity, of the bare head of the enemies.
43 Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie, ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were. Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.
Praise his people, ye nations, for he will revenge the blood of his servants: and will render vengeance to their enemies, and he will be merciful to the land of his people.
44 Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
So Moses came and spoke all the words of this canticle in the ears of the people, and Josue the son of Nun.
45 Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,
And he ended all these words, speaking to all Israel.
46 ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.
And he said to them: Set your hearts on all the words, which I testify to you this day: which you shall command your children to observe and to do, and to fulfill all that is written in this law:
47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”
For they are not commanded you in vain, but that every one should live in them, and that doing them you may continue a long time in the land whither you are going over the Jordan to possess it.
48 Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
And the Lord spoke to Moses the same day, saying:
49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.
Go up into this mountain Abarim, (that is to say, of passages, ) unto mount Nebo, which is in the land of Moab over against Jericho: and see the land of Chanaan, which I will deliver to the children of Israel to possess, and die thou in the mountain.
50 Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.
When thou art gone up into it thou shalt be gathered to thy people, as Aaron thy brother died in mount Her, and was gathered to his people:
51 Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.
Because you trespassed against me in the midst of the children of Israel, at the waters of contradiction in Cades of the desert of Sin: and you did not sanctify me among the children of Israel.
52 Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”
Thou shalt see the land before thee, which I will give to the children of Israel, but thou shalt not enter into it.

< 5 Mose 32 >