< 5 Mose 10 >

1 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Twa aboɔ ɛpono no mmienu te sɛ kane deɛ no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu.
בעת ההוא אמר יהוה אלי פסל לך שני לוחת אבנים כראשנים ועלה אלי ההרה ועשית לך ארון עץ
2 Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.”
ואכתב על הלחת את הדברים אשר היו על הלחת הראשנים אשר שברת ושמתם בארון
3 Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.
ואעש ארון עצי שטים ואפסל שני לחת אבנים כראשנים ואעל ההרה ושני הלחת בידי
4 Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me.
ויכתב על הלחת כמכתב הראשון את עשרת הדברים אשר דבר יהוה אליכם בהר מתוך האש ביום הקהל ויתנם יהוה אלי
5 Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
ואפן וארד מן ההר ואשם את הלחת בארון אשר עשיתי ויהיו שם כאשר צוני יהוה
6 Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ.
ובני ישראל נסעו מבארת בני יעקן--מוסרה שם מת אהרן ויקבר שם ויכהן אלעזר בנו תחתיו
7 Wɔfiri hɔ no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod hɔ no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so wɔ so.
משם נסעו הגדגדה ומן הגדגדה יטבתה ארץ נחלי מים
8 Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so yɛ wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ.
בעת ההוא הבדיל יהוה את שבט הלוי לשאת את ארון ברית יהוה--לעמד לפני יהוה לשרתו ולברך בשמו עד היום הזה
9 Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ wɔ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no.
על כן לא היה ללוי חלק ונחלה--עם אחיו יהוה הוא נחלתו כאשר דבר יהוה אלהיך לו
10 Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo.
ואנכי עמדתי בהר כימים הראשנים--ארבעים יום וארבעים לילה וישמע יהוה אלי גם בפעם ההוא--לא אבה יהוה השחיתך
11 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapadeɛ.”
ויאמר יהוה אלי קום לך למסע לפני העם ויבאו ויירשו את הארץ אשר נשבעתי לאבתם לתת להם
12 Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no,
ועתה ישראל--מה יהוה אלהיך שאל מעמך כי אם ליראה את יהוה אלהיך ללכת בכל דרכיו ולאהבה אתו ולעבד את יהוה אלהיך בכל לבבך ובכל נפשך
13 na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.
לשמר את מצות יהוה ואת חקתיו אשר אנכי מצוך היום--לטוב לך
14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea.
הן ליהוה אלהיך השמים ושמי השמים הארץ וכל אשר בה
15 Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
רק באבתיך חשק יהוה לאהבה אותם ויבחר בזרעם אחריהם בכם מכל העמים--כיום הזה
16 Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no.
ומלתם את ערלת לבבכם וערפכם--לא תקשו עוד
17 Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso.
כי יהוה אלהיכם--הוא אלהי האלהים ואדני האדנים האל הגדל הגבר והנורא אשר לא ישא פנים ולא יקח שחד
18 Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma.
עשה משפט יתום ואלמנה ואהב גר לתת לו לחם ושמלה
19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ, mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so.
ואהבתם את הגר כי גרים הייתם בארץ מצרים
20 Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu.
את יהוה אלהיך תירא אתו תעבד ובו תדבק ובשמו תשבע
21 Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi.
הוא תהלתך והוא אלהיך--אשר עשה אתך את הגדלת ואת הנוראת האלה אשר ראו עיניך
22 Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te sɛ ɔsoro nsoromma.
בשבעים נפש ירדו אבתיך מצרימה ועתה שמך יהוה אלהיך ככוכבי השמים לרב

< 5 Mose 10 >