< Daniel 3 >

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nkron. Wɔde sii Dura tata so wɔ Babiloniaman mu.
Nebuchadnezzar the king made an image of gold, whose height was threescore cubits, and the breadth thereof six cubits: he set it up in the plain of Dura, in the province of Babylon.
2 Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ sɛ, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase.
Then Nebuchadnezzar the king sent to gather together the princes, the governors, and the captains, the judges, the treasurers, the counsellers, the sheriffs, and all the rulers of the provinces, to come to the dedication of the image which Nebuchadnezzar the king had set up.
3 Ɛberɛ a ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ no bɛhyiaeɛ sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wɔbɛgyinagyinaa ohoni no anim.
Then the princes, the governors, and captains, the judges, the treasurers, the counsellers, the sheriffs, and all the rulers of the provinces, were gathered together unto the dedication of the image that Nebuchadnezzar the king had set up; and they stood before the image that Nebuchadnezzar had set up.
4 Na wɔbɔɔ dawuro teaam sɛ, “Nnipa ahodoɔ ne aman ahodoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa montie deɛ ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ!
Then an herald cried aloud, To you it is commanded, O people, nations, and languages,
5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.
That at what time ye hear the sound of the cornet, flute, harp, sackbut, psaltery, dulcimer, and all kinds of musick, ye fall down and worship the golden image that Nebuchadnezzar the king hath set up:
6 Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre wɔ mu framfram mu.”
And whoso falleth not down and worshippeth shall the same hour be cast into the midst of a burning fiery furnace.
7 Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.
Therefore at that time, when all the people heard the sound of the cornet, flute, harp, sackbut, psaltery, and all kinds of musick, all the people, the nations, and the languages, fell down and worshipped the golden image that Nebuchadnezzar the king had set up.
8 Nanso, Kaldeafoɔ no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa Yudafoɔ no sɛ,
Wherefore at that time certain Chaldeans came near, and accused the Jews.
9 “Nana wo nkwa so!
They spake and said to the king Nebuchadnezzar, O king, live for ever.
10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfoɔ sɛ, obiara te abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, ɔnkoto fam, na ɔnsɔre sika ohoni no,
Thou, O king, hast made a decree, that every man that shall hear the sound of the cornet, flute, harp, sackbut, psaltery, and dulcimer, and all kinds of musick, shall fall down and worship the golden image:
11 na obiara a wantie ankɔto ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre framfram wɔ mu no mu.
And whoso falleth not down and worshippeth, that he should be cast into the midst of a burning fiery furnace.
12 Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no.”
There are certain Jews whom thou hast set over the affairs of the province of Babylon, Shadrach, Meshach, and Abed-nego; these men, O king, have not regarded thee: they serve not thy elohim, nor worship the golden image which thou hast set up.
13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no,
Then Nebuchadnezzar in his rage and fury commanded to bring Shadrach, Meshach, and Abed-nego. Then they brought these men before the king.
14 Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi hɔ no?
Nebuchadnezzar spake and said unto them, Is it true, O Shadrach, Meshach, and Abed-nego, do not ye serve my elohim, nor worship the golden image which I have set up?
15 Mɛma mo ɛkwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, na mokoto fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛto mo agu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me tumi ase?”
Now if ye be ready that at what time ye hear the sound of the cornet, flute, harp, sackbut, psaltery, and dulcimer, and all kinds of musick, ye fall down and worship the image which I have made; well: but if ye worship not, ye shall be cast the same hour into the midst of a burning fiery furnace; and who is that Elohim that shall deliver you out of my hands?
16 Sadrak, Mesak ne Abednego buaa sɛ, “Ao, Nana Nebukadnessar, yɛnnye nni sɛ ɛho hia sɛ yɛyi yɛn ho ano wɔ wʼanim.
Shadrach, Meshach, and Abed-nego, answered and said to the king, O Nebuchadnezzar, we are not careful to answer thee in this matter.
17 Sɛ wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase.
If it be so, our Elohim whom we serve is able to deliver us from the burning fiery furnace, and he will deliver us out of thine hand, O king.
18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da.”
But if not, be it known unto thee, O king, that we will not serve thy elohim, nor worship the golden image which thou hast set up.
19 Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson.
Then was Nebuchadnezzar full of fury, and the form of his visage was changed against Shadrach, Meshach, and Abed-nego: therefore he spake, and commanded that they should heat the furnace one seven times more than it was wont to be heated.
20 Afei, ɔhyɛɛ nʼakodɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔnto wɔn ngu fononoo no mu ogyadɛreɛ no mu.
And he commanded the most mighty men that were in his army to bind Shadrach, Meshach, and Abed-nego, and to cast them into the burning fiery furnace.
21 Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu.
Then these men were bound in their coats, their hosen, and their hats, and their other garments, and were cast into the midst of the burning fiery furnace.
22 Na ɛsiane ɔhene no abufutrasoɔ ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyeehyeehye aborosoɔ no enti, asraafoɔ a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu ogyaframa no ano.
Therefore because the king's commandment was urgent, and the furnace exceeding hot, the flame of the fire slew those men that took up Shadrach, Meshach, and Abed-nego.
23 Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn pampee no hwehwee ogya fononoo a ɛrederɛ no mu.
And these three men, Shadrach, Meshach, and Abed-nego, fell down bound into the midst of the burning fiery furnace.
24 Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ɔhuri teaam ahodwirie so guu nʼafotufoɔ no so sɛ, “Ɛnnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu fononoo no mu?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”
Then Nebuchadnezzar the king was astonied, and rose up in haste, and spake, and said unto his counsellers, Did not we cast three men bound into the midst of the fire? They answered and said unto the king, True, O king.
25 Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!”
He answered and said, Lo, I see four men loose, walking in the midst of the fire, and they have no hurt; and the form of the fourth is like the Son of Elohim.
26 Na Nebukadnessar twe bɛnee fononoo a ogya redɛre wɔ mu no ɛpono ano, sɛdeɛ ɔbɛtumi, teaam sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Onyankopɔn asomfoɔ, momfiri mmra! Mommra ha!” Ɛno enti, Sadrak, Mesak ne Abednego firii ogya no mu baeɛ.
Then Nebuchadnezzar came near to the mouth of the burning fiery furnace, and spake, and said, Shadrach, Meshach, and Abed-nego, ye servants of the most high Elohim, come forth, and come hither. Then Shadrach, Meshach, and Abed-nego, came forth of the midst of the fire.
27 Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho.
And the princes, governors, and captains, and the king's counsellers, being gathered together, saw these men, upon whose bodies the fire had no power, nor was an hair of their head singed, neither were their coats changed, nor the smell of fire had passed on them.
28 Afei, Nebukadnessar kaa sɛ, “Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn.
Then Nebuchadnezzar spake, and said, Blessed be the Elohim of Shadrach, Meshach, and Abed-nego, who hath sent his angel, and delivered his servants that trusted in him, and have changed the king's word, and yielded their bodies, that they might not serve nor worship any elohim, except their own Elohim.
29 Ne saa enti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wɔbɛtwitwa wɔn mu asinasini na wɔadwiri wɔn afie ama adane wira. Onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye nkwa sɛɛ yi.”
Therefore I make a decree, That every people, nation, and language, which speak any thing amiss against the Elohim of Shadrach, Meshach, and Abed-nego, shall be cut in pieces, and their houses shall be made a dunghill: because there is no other Elohim that can deliver after this sort.
30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie wɔ Babiloniaman mu.
Then the king promoted Shadrach, Meshach, and Abed-nego, in the province of Babylon.

< Daniel 3 >