< Daniel 2 >

1 Nebukadnessar adedie mfeɛ mmienu so, ɔsosoo daeɛ bi ma ɛhaa no ara kɔsii sɛ, na ɔntumi nna.
А друге године царовања Навуходоносоровог усни Навуходоносор сан, и узнемири му се дух и сан га прође.
2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ bisaa wɔn sɛ, wɔnkyerɛ no daeɛ ko no. Wɔbɛgyinaa ɔhene no anim no,
И рече цар да дозову враче и звездаре и гатаре и Халдеје да кажу цару сан његов. И дођоше и сташе пред царем.
3 ɔkaa sɛ, “Maso daeɛ bi a ɛha me, enti mepɛ sɛ monkyerɛ me daeɛ ko a mesoeɛ no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mehunu.”
И рече им цар: Усних сан, и узнемири ми се дух како бих дознао шта сам снио.
4 Na Kaldeafoɔ no buaa no wɔ Arameike kasa mu sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”
А Халдеји рекоше цару сирски: Царе, да си жив довека! Приповеди сан слугама својим, па ћемо ти казати шта значи.
5 Nanso, ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ, “Yei ne gyinaeɛ a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me daeɛ no, na moankyerɛ me aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini, na wɔbɛbubu mo afie, ama afu wira.
А цар одговори и рече Халдејима: Заборавио сам, ако ми не кажете шта сам снио и шта значи, бићете исечени и куће ће ваше бити буњишта.
6 Na sɛ moka me daeɛ no, kyerɛ me aseɛ a, mɛma mo akyɛdeɛ a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka daeɛ no, na monkyerɛ me aseɛ.”
Ако ли ми кажете шта сам снио и шта значи, добићете од мене даре и поклоне и велику част; кажите ми дакле шта сам снио и шта значи.
7 Wɔkaa bio sɛ, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka daeɛ no kyerɛ wʼasomfoɔ, na yɛbɛkyerɛ wo aseɛ.”
Одговорише опет и рекоше: Нека цар приповеди сан слугама својим, па ћемо казати шта значи.
8 Ɔhene no buaa sɛ, “Mahunu mo nnaadaa no. Mahunu sɛ, moretwentwɛn ɛberɛ no so, na monim gyinaeɛ a masi asɛm a mekaeɛ no ho.
Цар одговори и рече: Доиста видим да хоћете времена да добијете; јер видите да сам заборавио.
9 Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mobɛdi atorɔ adaadaa me. Mosusu sɛ asɛm no bɛsesa. Monka daeɛ no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.”
Али ако ми не кажете шта сам снио и шта значи, један вам је суд; јер сте се договорили да кажете преда мном лаж и превару док се промени време; зато кажите ми сан, па ћу видети да ми можете казати шта значи.
10 Kaldeafoɔ no buaa Ɔhene no sɛ, “Onipa teasefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ wo, Nana, wo daeɛ a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ anaa Kaldeafoɔ saa asɛm yi bi pɛn.
Одговорише Халдеји цару и рекоше: Нема човека на земљи који би могао казати цару то шта иште; зато ниједан цар ни кнез ни властелин није никада искао такво шта од врача или звездара или Халдејца.
11 Ɔhene abisadeɛ yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu.”
И шта цар иште врло је тешко; нити има другог који би могао казати цару осим богова, који не живе међу људима.
12 Ɔhene no tee saa asɛm yi no, ne bo fuu yie, enti ɔhyɛɛ sɛ, wɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa.
Зато се цар разљути и разгневи врло, и заповеди да се погубе сви мудраци вавилонски.
13 Na ɛsiane ɔhene no mmara den sɛ wɔnkunkum anyansafoɔ no enti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wɔnkunkum wɔn.
И кад изиђе заповест, те убијаху мудраце, тражаху и Данила и другове његове да их убију.
14 Ɛberɛ a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfoɔ so panin baa sɛ ɔrebɛkum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasaeɛ.
Тада Данило одговори мудро и разумно Ариоху заповеднику стражарском, који беше изашао да убија мудраце вавилонске;
15 Daniel bisaa Ariok sɛ, “Adɛn enti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ no.
Одговори и рече Ариоху, властелину царевом: Зашто је тако нагла заповест од цара? Тада Ариох каза ствар Данилу.
16 Daniel kɔhunuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no berɛ kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ daeɛ no ase.
А Данило отиде и замоли цара да му остави времена, па ће казати цару шта сан значи.
17 Na Daniel kɔɔ ne fie kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria asɛm a asie.
Потом отиде Данило кући својој, и каза ствар Ананији, Мисаилу и Азарији, друговима својим,
18 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔmmisa ɔsoro Onyankopɔn sɛ, ɔnnom wɔn nʼahummɔborɔ sɛdeɛ wɔrenkum wɔn mfra anyansafoɔ nkaeɛ a wɔwɔ Babilonia no mu.
Да се моле за милост Богу небеском ради те тајне, да не би погинули Данило и другови му с осталим мудрацима вавилонским.
19 Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn
И објави се тајна Данилу, у ноћној утвари; тада Данило благослови Бога небеског.
20 na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.
Проговори Данило и рече: Да је благословено име Господње од века до века; јер је Његова мудрост и сила;
21 Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ.
И Он мења времена и часе; смеће цареве, и поставља цареве; даје мудрост мудрима и разум разумнима.
22 Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi, na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia.
Он открива шта је дубоко и сакривено, зна шта је у мраку, и светлост код Њега станује.
23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi; woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me, ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”
Тебе, Боже отаца мојих, хвалим и славим, шта си ми дао мудрост и силу, и шта си ми објавио за шта Те молисмо објавив нам ствар цареву.
24 Afei, Daniel kɔhunuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ ɔnkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkunkum anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne daeɛ no ase.”
Тада отиде Данило к Ариоху, ког цар беше одредио да погуби мудраце вавилонске; и дошав овако му рече: Не губи мудраца вавилонских; изведи ме пред цара да кажем цару шта сан значи.
25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa sɛ, “Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase.”
Тада Ариох брже изведе Данила пред цара, и овако му рече: Нађох човека између робља Јудиног, који ће казати цару шта сан значи.
26 Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar) no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ? Wobɛtumi akyerɛ me deɛ mehunuu wɔ me daeɛ no mu na woakyerɛ me aseɛ?”
А цар проговори и рече Данилу, који се зваше Валтасар: Можеш ли ми казати сан који сам снио и шта значи?
27 Daniel buaa sɛ, “Nana, anyansafoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, nkonyaayifoɔ anaa ntafowayifoɔ biara nni hɔ a wɔbɛtumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi!
Одговори Данило цару и рече: Тајну коју цар иште не могу казати цару мудраци ни звездари ни врачи ни гатари.
28 Nanso, Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kɔkoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ɛbɛsi daakye. Wo daeɛ no ne anisoadehunu a ɛberɛ a woda wo mpa so no wohunuiɛ nie:
Него има Бог на небу који открива тајне и јавља цару Навуходоносору шта ће бити до краја. Сан твој и шта ти је видела глава на постељи твојој ово је:
29 “Nana, ɛberɛ a woreda no, wʼadwene kɔsisii nsɛm bi a ɛbɛsisi so. Deɛ ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo deɛ ɛrebɛba.
Теби, царе, дођоше мисли на постељи шта ће бити после, и Онај који објављује тајне показа ти шта ће бити.
30 Na ɛnnyɛ sɛ, Nana, menim nyansa kyɛn onipa teasefoɔ biara enti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no asekyerɛ na ɔte deɛ ɛbaa nʼadwene mu no ase.
А мени се ова тајна није објавила мудрошћу која би у мене била мимо све живе, него зато да се јави цару шта сан значи и да дознаш мисли срца свог.
31 “Nana, wʼanisoadehunu no mu, wohunuu ohoni kɛseɛ bi sɛ ɔgyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛharan hyɛnn na ne ho yɛ hu yie.
Ти, царе, виде, а то лик велик; велик беше лик и светлост му силна, и стајаше према теби, и страшан беше на очима.
32 Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ.
Глава том лику беше од чистог злата, прси и мишице од сребра, трбух и бедра од бронзе,
33 Dadeɛ na wɔde yɛɛ ne nan, na wɔde dadeɛ ne dɔteɛ a wɔde afra yɛɛ ne nantabon.
Ноге му од гвожђа, а стопала које од гвожђа које од земље.
34 Na Nana, worehwɛ no, ɔboɔ bi a nsa biara nkura mu te bɛhwee dadeɛ ne dɔteɛ nantabon no so, pɛkyɛɛ no gɔsɔɔ.
Ти гледаше докле се одвали камен без руку, и удари лик у стопала бронзана и земљана, и сатре их.
35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa a ɛyɛ dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, ma ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ, ma mframa bɛhuu ne nyinaa kɔeɛ a, hwee anka hɔ. Nanso, ɔboɔ a ɛpem ohoni no hwee fam no danee bepɔ kɛseɛ a ɛkataa asase nyinaa so.
Тада се сатре и гвожђе и земља и бронза и сребро и злато, и поста као плева на гумну у лето, те однесе ветар, и не нађе му се место; а камен, који удари лик, поста гора велика и испуни сву земљу.
36 “Nana, daeɛ no nie o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo aseɛ.
То је сан; а сада ћемо казати цару шта значи.
37 Nana, woyɛ ahene bebree so ɔhene. Ɔsoro Onyankopɔn ayɛ wo ahene mu ɔhene, ama wo tumi, ahoɔden ne animuonyam.
Ти си, царе, цар над царевима, јер ти Бог небески даде царство, силу и крепост и славу,
38 Ɔde ewiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wiram ne nnomaa a wɔtu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn so difoɔ. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.
И где год живе синови људски, звери пољске и птице небеске, дао ти је у руке, и поставио те господарем над свим тим. Ти си она глава златна.
39 “Na wʼahemman aba nʼawieeɛ akyi no, ahemman a ɛnnto wo deɛ no bɛsɔre abɛsi wʼananmu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛseɛ foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi ewiase so.
А након тебе настаће друго царство, мање од твог; а потом треће царство, бронзано, које ће владати по свој земљи.
40 Nea ɛbɛdi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛso na ɛwɔ ahoɔden te sɛ dadeɛ. Saa ahemman no bɛbubu, ayam aman a adi ɛkan no nyinaa te sɛdeɛ dadeɛ bubu yam biribiara a ɛne no hyia no.
А четврто ће царство бити тврдо као гвожђе, јер гвожђе сатире и троши све, и као гвожђе што све ломи, тако ће сатрти и поломити.
41 Nana, sɛdeɛ wohunu sɛ nantabon ne nansoaa yɛ dadeɛ ne dɔteɛ a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ.
А што си видео стопала и прсте које од кала лончарског које од гвожђа, биће царство раздељено, али ће бити у њему тврђе од гвожђа, јер си видео гвожђе помешано с калом лончарским.
42 Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dadeɛ, na ebi ayɛ mmerɛ sɛ dɔteɛ.
И што прсти на ногама беху које од гвожђа које од кала, царство ће бити нешто јако, а нешто трошно.
43 Saa dadeɛ ne dɔteɛ mfrafraeɛ no sane kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahodoɔ a wɔadi afra a wɔntumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi nni afra no.
А што си видео гвожђе помешано са калом лончарским, то ће се они помешати са семеном човечијим, али неће прионути један за другог као што се гвожђе не може смешати с калом.
44 “Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ.
А у време тих царева Бог ће небески подигнути царство које се до века неће расути, и то се царство неће оставити другом народу; оно ће сатрти и укинути сва та царства, а само ће стајати до века.
45 Ɔboɔ no a nsa biara nkura mu na ɛtwa firi bepɔ no so a ɛyam dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafraeɛ ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. “Onyankopɔn kokuroko akyerɛ Nana, deɛ ɛbɛba daakye. Daeɛ no yɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ yɛ kann.”
Како си видео где се од горе одвали камен без руку и сатре гвожђе, бронзу, као, сребро и злато. Бог велики јави цару шта ће бити после; сан је истинит, и тумачење му верно.
46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, somm no, na ɔhyɛɛ ne manfoɔ sɛ, wɔmfa afɔrebɔdeɛ mmra, na wɔnhye aduhwam wɔ nʼanim.
Тада цар Навуходоносор паде на лице своје, и поклони се Данилу, и заповеди да му принесу принос и кад.
47 Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Nokorɛ, wo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, wo na woatumi akyerɛ saa kɔkoamsɛm yi mu.”
Цар проговори Данилу и рече: Доиста, ваш је Бог Бог над боговима и Господар над царевима, и који објављује тајне, кад си могао открити ову тајну.
48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yie sane yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yie. Ɔmaa Daniel bɛyɛɛ sohwɛfoɔ wɔ Babiloniaman no mu nyinaa, na ɔde no sii nʼanyansafoɔ no nyinaa so ɔhene.
Тада цар узвиси Данила, и даде му многе велике дарове и учини га господарем свој земљи вавилонској и поглаварем над свим мудрацима вавилонским.
49 Daniel bisa ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfoɔ, na Daniel yɛɛ ɔsomfoɔ wɔ ɔhene aban mu.
И Данило измоли у цара, те постави над пословима земље вавилонске Седраха, Мисаха и Авденага, а Данило оста на двору царевом.

< Daniel 2 >